Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | DƐN NA BIBLE KA FA OWU NE NKWA HO?

Nea Bible Ka Fa Owu ne Nkwa Ho

Nea Bible Ka Fa Owu ne Nkwa Ho

Sɛ yebue Bible no kɔ Genesis na yɛkenkan adebɔ ho asɛm a, yehu sɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ onipa a odi kan, Adam sɛ: “Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no de, nni bi, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:16, 17) Nea saa asɛm no kyerɛ ara ne sɛ, sɛ Adam dii Onyankopɔn mmara yi so a, anka ɔrenwu, na mmom anka ɔbɛkɔ so atena Eden turo no mu.

Adam yɛɛ osetie a, anka ɔbɛtena ase daa. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ bere a ne yere Hawa de aduaba a Onyankopɔn abara maa no no, ɔboapa buu n’ani guu Onyankopɔn mmara so na ogye dii. (Genesis 3:1-6) Asoɔden a wɔyɛe no, yɛda so ara rehu ho amane nnɛ. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ asɛm yi mu sɛ: “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) ‘Onipa baako’ a Bible ka ne ho asɛm no, ɔno ne Adam. Bɔne bɛn na wɔreka ho asɛm no? Adɛn nti na ɛkɔfaa owu bae?

Adam boapa buu Onyankopɔn mmara so; ɛno ne bɔne no. (1 Yohane 3:4) Bɔne nso deɛ, ɛso akatua ne owu sɛnea na Onyankopɔn aka akyerɛ Adam no. Mmere tenten a na Adam ne ne mma a ɔbɛwo wɔn daakye no bɛkɔ so adi Onyankopɔn mmara so no, na bɔne remma wɔn ho, na na wɔrenka owu nso nhwɛ da. Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ yenwu. Ɔbɔɔ yɛn sɛ yɛntena ase daa.

Sɛnea Bible aka no, owu ‘atrɛw aka nnipa nyinaa.’ Obiara ntumi nnye asɛm yi ho kyim. Nanso, yemmisa sɛ biribi hyɛ yɛn mu a sɛ yewu a, ɛno deɛ ɛkɔ so tena ase anaa? Nnipa pii bɛka sɛ aane, biribi hyɛ yɛn mu a yɛfrɛ no ɔkra a ɛno deɛ enwu da. Sɛ nkurɔfo ka saa a, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, Onyankopɔn dii atoro kyerɛɛ Adam. Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ sɛ yewu na biribi a ɛhyɛ yɛn mu tumi fi yɛn mu kɔtena baabi a, ɛnde yɛrentumi nka sɛ owu yɛ bɔne ho asotwe, sɛnea Onyankopɔn kae no. Bible ka sɛ: “Onyankopɔn ntumi nni atoro.” (Hebrifo 6:18) Nokwasɛm ne sɛ, Satan mmom na odii atoro ka kyerɛɛ Hawa sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu.”​—Genesis 3:4.

Wei ma asɛmmisa bi sɔre. Ɛne sɛ, Sɛ ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no nam atorodi so na ɛbae a, ɛnde sɛ obi wu a, ɛhe paa na ɔkɔ?

BIBLE MA YENYA NKYERƐKYERƐMU A EMU DA HƆ

Adebɔ ho asɛm a wɔakyerɛw wɔ Genesis no ka sɛ: “Yehowa Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa no bɛyɛɛ ɔkra teasefo, [anaa ɔteasefo].” Hebri asɛmfua ne’phesh * na wɔkyerɛɛ ase “ɔteasefo.” Nea ɛkyerɛ ankasa ne “abɔde a ɔhome.”​—Genesis 2:7.

Bible ma emu da hɔ pefee sɛ, bere a Onyankopɔn bɔɔ onipa no, wamfa ɔkra a enwu da biara anhyɛ onipa mu. Mmom, onipa biara “ɔteasefo.” Ɛno nti na sɛ wohwehwɛ Bible mu sɛ dɛn ara a, worenhu baabiara a Bible de asɛm “ɔkra a enwu da” yɛ adwuma no.

Sɛ Bible nka sɛ onipa wɔ biribi a yɛfrɛ no ɔkra a enwu da a, ɛnde adɛn nti na ɔsom ahorow pii kyerɛkyerɛ saa? Sɛ yebenya asɛm yi ho mmuae a, gye sɛ yɛn nyinaa dan yɛn ani kyerɛ tete Egypt.

ABOSONSOM NKYERƐKYERƐ BI MU TRƐWEE

Aka bɛyɛ mfe ahanan ama wɔawo Yesu no, Helani abakɔsɛm kyerɛwfo Herodotus kaa sɛ Egyptfo na “wodii kan kaa no denneennen sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da.” Tete Babilonfo nso sosɔɔ ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no so. Ebeduu bere a Alexander Ɔkɛseɛ no dii Middle East so nkonim wɔ afe 332 A.Y.B. no, na Hela nyansapɛfo atrɛw saa nkyerɛkyerɛ no mu, na ankyɛ na nkyerɛkyerɛ no trɛw faa Hela Ahemman no mu nyinaa.

Sɛ wohwehwɛ Bible mu sɛ dɛn ara a, worenhu asɛm, “ɔkra a enwu da” wom

Asomafo no bere so no, Yudafo akuw atitiriw mmienu, Essenfo ne Farisifo nso kyerɛkyerɛɛ sɛ sɛ obi wu a, ne kra no kɔ so ara tena ase. Nhoma bi ka sɛ: “Helafo nkyerɛkyerɛ a Yudafo suae no na ɛma wobegye dii sɛ ɔkra a enwu da bi wɔ hɔ. Plato nyansapɛ nso ka ho bi paa na Yudafo no nyaa saa gyidi no.” (The Jewish Encyclopedia) Josephus yɛ Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo a ɔno nso tenaa ase wɔ asomafo no bere so. Ɔkaa sɛ, ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no nni Kyerɛw Kronkron no mu, na mmom efi “Helafo gyidi” mu. Ɔkyerɛe sɛ Helafo anansesɛm akyerɛwfo na ɛde saa nkyerɛkyerɛ no bae.

Bere a Helafo amammerɛ kɔɔ so trɛwee no, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nso begyee saa abosonsomfo nkyerɛkyerɛ yi toom. Abakɔsɛm kyerɛwfo Jona Lendering nso kaa sɛ, “Plato kyerɛkyerɛe sɛ bere bi na yɛn kra te baabi pa, nanso seesei de abɛtena wiase bɔne mu. Saa nkyerɛkyerɛ yi nti, anyɛ den sɛ wɔde Plato nyansapɛ ne Kristosom bɛfrafra.” Saa na ɛyɛe a ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ a efi abosonsom mu no bɛhyɛɛ “Kristofo” asɔre ahorow mu, na abɛka wɔn nkyerɛkyerɛ atitiriw ho.

“NOKWARE NO BƐMA MOADE MO HO”

Ɔsomafo Paulo a ɔtenaa ase wɔ tete Kristofo bere so no bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Asɛm a efi honhom mu no ka pefee sɛ akyiri yi mmere mu no, ebinom bɛtwe wɔn ho afi gyidi no ho akodi nnaadaasɛm a efi honhom mu ne adaemone nkyerɛkyerɛ akyi.” (1 Timoteo 4:1) Hwɛ sɛnea saa asɛm no abam! “Adaemone nkyerɛkyerɛ” no, emu baako ne ɔkra a enwu da. Bible mfoa saa nkyerɛkyerɛ yi so. Mmom efi tete abosonsom ne nyansapɛ ahorow mu.

Nea ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani gye ne sɛ, Yesu kaa sɛ: “Mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.” (Yohane 8:32) Ɔsom ahorow pii nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe gu Onyankopɔn ho fĩ. Nanso esiane sɛ yɛate nokware a ɛwɔ Bible mu no ase yiye nti, yɛade yɛn ho afi ho. Bio nso, atetesɛm ne gyidihunu a nkurɔfo de bata owu ho no, nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu ama yɛade yɛn ho afi ho.​—Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Ɛhe na Awufo Wɔ?

Ná ɛnyɛ yɛn Bɔfo no adwene ne sɛ nnipa bɛtena asase so mfe 70 anaa 80 pɛ, na akyiri yi wakɔtena ase daa wɔ baabi foforo. Nea enti a ɔbɔɔ nnipa ne sɛ yɛbɛyɛ mma a yetie n’asɛm, na yɛatena ase daa wɔ asase yi ara so. Adwene a Onyankopɔn de bɔɔ nnipa yi kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn, na biribiara ntumi nsesa Onyankopɔn adwene. (Malaki 3:6) Onyankopɔn de ne honhom kaa odwontofo bi ma ɔmaa yɛn awerɛhyem sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.”​—Dwom 37:29.

 

^ nky. 9 Bible nkyerɛase bi te sɛ King James Version ne Catholic Douay Version, kyerɛ ne’phesh ase “ɔkra teasefo.” Nanso, nkyerɛase pii a wɔayɛ no nnansa yi te sɛ The New English Bible kyerɛ ne’phesh ase “abɔde a ɔte ase.” New International Version ne The Jerusalem Bible kyerɛ ase “ɔteasefo.” Today’s English Version nso kyerɛ ase tiawa sɛ “ofii ase homee.”