Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE NO ADWENE

Ahoɔfɛ

Ahoɔfɛ

Adwene a yebenya wɔ ahoɔfɛ ho no betumi ama yɛn ani agye anaa yɛn werɛ ahow yɛn ho.

Adɛn nti na ahoɔfɛ ho hia yɛn saa?

Ɛde besi nnɛ, sɛnea onipa amemene ma otumi hu ade a ɛyɛ fɛ no, obiara ntumi nte ase. Bible nkyerɛ nea ama aba saa no mu nanso ɛma yehu nea enti a ade a ɛyɛ fɛ yɛ yɛn fɛ saa no—Onyankopɔn bɔɔ yɛn wɔ ne suban so. (Genesis 1:27; Ɔsɛnkafo 3:11) Ɔno ara nso na ɔbɔɔ yɛn nipadua nwonwaso a ɛyɛ adwuma yiye no. Enti Odwontofo bi kaa wɔ Bible mu sɛ: “Mɛkamfo wo [Onyankopɔn] efisɛ sɛnea woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwonwa.”Dwom 139:14.

Nanso nnɛ, nkurɔfo twe adwene si ahoɔfɛ so dodo—ne nyinaa fi nnwumakuw a wɔyɛ ntade ne nneɛma a yɛde siesie yɛn ho ne afei sɛnea wɔbɔ ho dawuru wɔ radio, TV, ne intanɛt so no. Sɛnea Body Image nhoma no ka no, nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ aburokyi aman bi so no “kyerɛ sɛ nnipa twe adwene si ahoɔfɛ so araa ma sɛ obi ho yɛ fɛ na onni suban mpo a, ɔpɛ.” Nanso sɛ yɛde adwene a ɛte saa hwɛ nneɛma a, ɛbɛma yɛabu yɛn ani agu biribi a ɛho hia paa so—sɛnea obi te wɔ ne komam.1 Samuel 16:7.

Wokɔ aman pii so a, wɔtwe adwene si ahoɔfɛ ne nipadua a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ so dodo

Nea wɔtwe adwene si so kɛse nnansa yi ne sɛnea obi nipadua tumi kanyan nna ho akɔnnɔ. Wei fa mmaa ho titiriw. Kuw bi a wosua sɛnea nnipa adwene yɛ adwuma (American Psychological Association) anaa (APA) kaa wɔ amanneɛbɔ bi a wɔde too gua wɔ afe 2007 mu sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ nhwehwɛmu a wɔyɛe kyerɛ sɛ wɔde adwene si sɛnea mmaa nipadua kanyan nna ho akɔnnɔ so dodo.” Bible ka no pen sɛ yɛntwe yɛn ho mfi suban a ɛte saa ho. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn!Kolosefo 3:5, 6.

Mommma mo ahosiesie nnyɛ nnipa ani so de, . .  mmom momma ɛnyɛ komam nipa a wahintaw, honhom a ɛyɛ komm na edwo, atade a ɛmporɔw; eyi na ɛsom bo Onyankopɔn anim.”1 Petro 3:3, 4.

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ahoɔfɛ ho adwempa?

Ebinom mpo ka sɛ: “Sɛ wo ho yɛ fɛ a, ma nnipa nhu!” APA kuw no bɔ amanneɛ sɛ baabi a nkurɔfo kura saa adwene no, “mmaayewa ne wɔn a wonnyinii papa biara no bɔ mmɔden sɛ wobesiesie wɔn ho wɔ ɔkwan bi so ama nkurɔfo ahu sɛ wɔn ho yɛ fɛ.” Adwene a ɛte saa betumi adi obi awu. Wei abɛyɛ ɔhaw kɛse araa ma APA kuw no ka sɛ “ebetumi de nsunsuanso bɔne pii aba.” Ebi ne dadwen ne “obi nipadua a n’ankasa ani nnye ho . . . , obi ho a obu no abomfiaa, didi a obi ntumi nnidi yiye, ne adwenemhaw.”

“Yi adwennwen fi wo komam, na ma amanehunu mpare wo honam, efisɛ mmerantebere ne mmabunbere yɛ ahuhude.”Ɔsɛnkafo 11:10.

Sɛ obi adwene mu tew a, ɛkyerɛ sɛn?

Bible de “adwenemtew” bata ahobrɛase ho. (1 Timoteo 2:9) Susuw wei ho hwɛ: Ahobrɛasefo mfa sɛnea wɔn anim dua anaa sɛnea wosi te no nhaw wɔn ho, mmom wɔbɔ mmɔden sɛ wobesiesie wɔn ho kama. Wɔhwɛ sɛnea wɔn nneyɛe bɛka afoforo enti nkurɔfo pɛ wɔn asɛm, wobu wɔn, na ne korakora no, wonya Onyankopɔn anim dom. (Mika 6:8) Bio nso, ɛnyɛ den sɛ wobenya nnamfo pa, na sɛ wɔrepɛ obi aware no nso a, ɛnyɛ wɔn a wɔne wɔn bɛda kɛkɛ na wonya na mmom wonya nnipa a wɔne wɔn bɛtena asomdwoe mu daa.

Enti sɛ Bible tu yɛn fo sɛ yɛmma yɛn ani nkũ “komam nipa a wahintaw” no ho a, na ɛyɛ ne kwan so. (1 Petro 3:3, 4) Anokwa, komam ahoɔfɛ tena hɔ daa na mpo bere rekɔ so no, etumi nyin! Mmebusɛm 16:31 ka sɛ: “Atifi dwen, sɛ wohu no trenee kwan so a, ɛyɛ abotiri a ɛyɛ fɛ.” Ne saa nti, sɛ mpanyimfo ne mmofra nyinaa pɛ sɛ wɔn ahoɔfɛ tena hɔ daa na wonya nidi ne akomatɔyam a, ɛsɛ sɛ wotie Bible mu afotusɛm a ɛkorɔn yi.

“Osoowa yɛ nnaadaa na ahoɔfɛ yɛ ahuhude; ɔbea a osuro Yehowa na woyi no ayɛ.”Mmebusɛm 31:30.