Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Yebetumi Anya Ɔbɔadeɛ Bi Mu Gyidi?

So Yebetumi Anya Ɔbɔadeɛ Bi Mu Gyidi?

So Yebetumi Anya Ɔbɔadeɛ Bi Mu Gyidi?

OWURA bi a wokunkum n’abusuafo wɔ wiase ko a ɛto so abien mu a kan no na onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no kae sɛ: “Sɛ midwen ho sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a obetumi ama adesamma haw to atwa nanso ɔnyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ saa a, na ɛhyɛ me abufuw!” Ɛnyɛ owura yi nkutoo na na ɔte nka saa.

Sɛ wɔyɛ nkurɔfo aninyanne a, ɛma ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobegye Onyankopɔn adi, anaa ɛma wɔka mpo sɛ Onyankopɔn nni hɔ de kyekye wɔn were. Nneɛma atitiriw bɛn na ɛmma nkurɔfo nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ? Sɛ adesamma po Onyankopɔn anaa nyamesom a, so ɛbɛma asi wɔn yiye sɛnea ebinom susuw no? So obi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no betumi anya Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ ɔdɔ mu gyidi?

Nyamesom Adi Nnipa Huammɔ

Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, nyamesom ne ade titiriw a ɛmma nnipa nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Abakɔsɛm kyerɛwfo Alister McGrath kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Abrabɔ bɔne a ahyɛ nyamesom mu ma, ne huammɔ a nyamesom adi nkurɔfo no ne ade titiriw a nnipa pii ani nnye ho a enti wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.” Mpɛn pii no, akodi ne basabasayɛ a ɛkɔ so no fi nyamesom. Nyansapɛfo bi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a wɔfrɛ no Michel Onfray no ntumi nte nea enti a nyamesom nhoma bi tumi ma nnipa binom “bɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ,” nanso nhoma koro no ara tumi ma afoforo “di amumɔyɛsɛm” no ase.

Nnipa pii anu wɔn ho sɛ wɔde wɔn ho hyɛɛ nyamesom mu. Bere a Swedenni aberante bi a wɔfrɛ no Bertil wɔ sraadi mu no, ɔtee sɛ asraafo sɔfo no retwe adwene asi Yesu asɛm a ɔkae sɛ, wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa bewu nkrante ano no so de kyerɛe sɛ mfomso nni awudisɛm ho. Ɔsɔfo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ɛnyɛ dɛn ara a ɛsɛ sɛ obi na ɔtwe saa nkrante no, enti yebetumi aka ma afata sɛ ɔsraani yɛ Onyankopɔn somfo!—Mateo 26:52. *

Ɔbea bi a wɔfrɛ no Bernadette a wokum ne papa wɔ France, wɔ wiase ko a ɛto so abien mu no da so ara kae sɛnea ne bo fuwii bere a ɔsɔfo a ɔyɛɛ ne maame nua babea a na wadi mfe abiɛsa ayi no kae sɛ: “Onyankopɔn afrɛ abofra yi sɛ ɔmmɛyɛ ɔbɔfo wɔ ɔsoro” no. Akyiri yi, Bernadette woo ɔbabarima bi a na wadi dɛm. Eyi mu nso, asɔre no annya awerɛkyekyesɛm biara anka ankyerɛ no.

Ciarán a onyinii wɔ Northern Ireland, bere a na nsɛmmɔnedi atu atese wɔ hɔ no ani annye hellgya nkyerɛkyerɛ no ho koraa. Ná ɔtaa ka sɛ okyi Onyankopɔn a ɔma awudisɛm a ɛte saa kɔ so no, na ɔne Onyankopɔn too nkyia mpo sɛ, sɛ ɔwɔ hɔ ampa a, ɔmmɔ no ma onwu. Ɛnyɛ Ciarán nko na n’ani nnye asɔre nkyerɛkyerɛ a ɛfoa atirimɔdensɛm yi so no ho. Nokwasɛm ne sɛ, ebetumi aba sɛ asɔre nkyerɛkyerɛ ka ho bi na adannandi nkyerɛkyerɛ no bae. Sɛnea Alister McGrath kyerɛ no, ɛyɛ hellgya nkyerɛkyerɛ a na Darwin “kyi no kɔkɔkɔkɔ” no na ɛma ɛyɛɛ den maa no sɛ obegye Onyankopɔn adi, na ɛnyɛ gye a na ogye adannandi di no. McGrath san kaa “awerɛhow kɛse” a Darwin “dii bere a ne babea wui” no ho asɛm.

Ebinom susuw sɛ, sɛ obi de ne ho hyɛ nyamesom mu a, na onnim nyansa, na ɔyɛ katee nso. Irina nso a nyamesom nkyerɛkyerɛ hunu ne mpaebɔ a wotĩ mu yɛ no abofono no ka sɛ: “Ná ɛyɛ me sɛ nyamesomfo adwene nyɛ adwuma.” Louis a na atirimɔdensɛm a nyamesomfo a wɔyɛ katee di no yɛ no tan no kaa no pen sɛ: “Mfe pii twaam a mannya nyamesom mu anigye biara, nanso afei de, mihu nkɛntɛnso bɔne a enya wɔ nnipa so no. Eyi ma mibekyii nyamesom koraa.”

So Wɔn a Wonnye Onyankopɔn Nni no wɔ Ahotɔ?

Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii bu nyamesom sɛ ɛno na ɛmma nnipa nnya nkɔso ne asomdwoe. Ebinom mpo asusuw ho sɛ ebia sɛ adesamma twe wɔn fi Onyankopɔn ne nyamesom ho a, ebesi wɔn yiye. Nanso, sɛ yɛtwe yɛn ho fi nyamesom ho koraa a, so ɛde ɔhaw bi bɛba?

Nyansapɛfo bi a wɔfrɛ no Voltaire, a ɔtenaa ase wɔ afeha a ɛto so 18 mu no, kasa tiaa nneɛma bɔne a na wɔyɛ wɔ asɔre mu saa bere no denneennen. Nanso ɔkae sɛ, sɛ Ɔteasefo Pumpuni bi wɔ hɔ a, ɛbɛboa ma yɛabɔ bra pa. Akyiri yi, German nyansapɛfo Friedrich Nietzsche ka ma obiara tee sɛ Onyankopɔn awu, nanso na osuro sɛ ebia ɔbrasɛe ne asiane betumi afi adwene a ɛte saa mu aba. So ntease wɔ ne nsusuwii no mu?

Nhoma kyerɛwfo Keith Ward ka sɛ, bere a adesamma duu anibuei bere yi mu no, atirimɔdensɛm ammrɛ ase, na mmom “akɔ soro sen bere biara a atwam.” Saa ara nso na adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn nni hɔ no mmaa adesamma nnee wɔn ho mfii wɔn sintɔ ahorow, te sɛ ɔporɔw ne kateeyɛ ho. Nokwasɛm yi ama nnipa pii a wosusuw nneɛma ho, ne wɔn a wɔka sɛ Onyankopɔn nni hɔ no mpo ahu mfaso a ɛwɔ so sɛ wonya Onyankopɔn mu gyidi.

Keith Ward ka mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn mu gyidi a yebenya no ho asɛm sɛ: “Gyidi boa ma yɛbɔ bra pa bere nyinaa, na ɛma yɛhwɛ wiase a Onyankopɔn abɔ no so yiye.” Nhwehwɛmu pii a wɔayɛ nnansa yi no ama ada adi sɛ nyamesomfo dodow no ara da ayamye adi. Ayamye a ɛte saa no ma wonya akomatɔyam. Nhwehwɛmu a ɛte saa no foa mfaso a ɛwɔ Yesu asɛm yi mu no so: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Asomafo Nnwuma 20:35.

Obi a ɔyɛ nnipa yiyedi ho dwumayɛni a kan no na onnye Onyankopɔn nni no ani begyee sɛnea Bible no tumi sesa nnipa asetena no ho. Ɔkae sɛ: “Mede bere pii bɔɔ mmɔden sɛ mɛboa nkurɔfo ma wɔasesa wɔn suban a enye a na epira wɔne afoforo no, nanso ankosi hwee. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mihui sɛ Bible no tumi ma nnipa yɛ nsakrae ma esi wɔn yiye. Afei nso mihui sɛ sɛ nnipa a wɔte saa no sakra a, wɔkɔ so yɛ nneɛma pa.”

Nanso, wɔ wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no fam no, Onyankopɔn mu gyidi a nkurɔfo wɔ no ama wɔatɔre nnipa pii ase, na wɔadi ako, sen sɛ anka wɔbɛyɛ nneɛma pa na wɔada ayamye adi. Ebia wobehu sɛ gyidi tumi nya ebinom so nkɛntɛnso pa, nanso wɔn fam de, wontumi nsi wɔn adwene pi wɔ ho. Dɛn ntia?

Nneɛma Foforo a Ɛmma Wonnye Onyankopɔn Nni

Wɔakyerɛkyerɛ nnipa pii sɛ adannandi yɛ nokwasɛm. Sɛ nhwɛso no, Anila kɔɔ sukuu wɔ Albania a nnipa dodow no ara nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no. Ɔka sɛ: “Bere a yɛwɔ sukuu no, wɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ nyansa nnim, na ɛyɛ ntetekwaasɛm sɛ yebegye Onyankopɔn adi. Ná metaa sua afifide ne nneɛma afoforo a nkwa wom ho ade, nanso misusuwii sɛ ne nyinaa fi adannandi mu, efisɛ na eyi bɛma nea yɛka no ayɛ te sɛ nea ɛne nyansahu hyia.” Nanso ɛnnɛ ogye tom sɛ, “wogyee adanse a wɔde mae no toom a wɔanwene ho.”

Yawdi betumi ama ayɛ den sɛ ebinom begye Onyankopɔn adi. Mpɛn pii no, sɛ Yehowa Adansefo kɔ afie afie kɔka anidaso a ɛwɔ Bible mu no ho asɛm a, wohyia nnipa a wɔte saa. Aberante bi a ɔyɛ Ɔdansefo kɔɔ Bertil a yɛadi kan aka ne ho asɛm no nkyɛn. Bertil were mfi sɛ bere a ohuu Ɔdansefo no, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ: ‘Woyɛ mmɔbɔ, ɛnyɛ ha na ɛsɛ sɛ woba!’ Ɔkae nso sɛ: “Memaa no akongua na mifii ase kaa sɛnea m’ani nnye Onyankopɔn, Bible, ne nyamesom ho no ho asɛm kyerɛɛ no.”

Ná atɛnkyea a abu so no haw Gus a ofi Scotland no. Mfiase no, sɛ ɔne Yehowa Adansefo resusuw nsɛm ho a, na ogye wɔn akyinnye denneennen. Ná obisa nsɛm te sɛ nea Hebrini diyifo Habakuk bisaa Onyankopɔn yi: “Dɛn nti na woma mihu adebɔne na wokɔ so hwɛ ɔhaw yi?”—Habakuk 1:3.

Nsɛmmɔnedi a ɛrekɔ so a ayɛ te sɛ nea Onyankopɔn nyɛ ho hwee no nso haw adesamma. (Dwom 73:2, 3) Franseni nhoma kyerɛwfo bi a wɔfrɛ no Simone de Beauvoir kae bere bi sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw ma me sɛ mesusuw sɛ ɔbɔadeɛ biara nni wiase sen sɛ mesusuw ɔbɔadeɛ a wɔde nsɛmmɔnedi a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa ho sobo bɔ no no ho.”

Nanso, so nsɛm yi a ɔsom ahorow no ntumi nkyerɛkyerɛ mu no kyerɛ sɛ yɛrennya mu nkyerɛkyerɛmu biara? Gus ka sɛ, awiei koraa no, onyaa “nea enti a Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ tumi sen biara no ama amanehunu ho kwan bere tiaa bi no mu nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom.” Ɔkae sɛ, “na ɛno yɛ ade titiriw ma me paa.” *

Ebia nnipa binom a wɔkyerɛ sɛ wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no adwenem bɛyɛ wɔn nãã wɔ adannandi ho, na ebia wɔbɛte nka sɛ wohia Onyankopɔn wɔ wɔn asetena mu, na mpo wɔabɔ no mpae. Ma yɛnhwɛ nea ɛmaa nnipa binom a na wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, ne ebinom a wontumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaa onni hɔ no susuw asɛm no ho kɔɔ akyiri, ma enti awiei koraa no wɔne Ɔbɔadeɛ no benyaa abusuabɔ a emu yɛ den.

Dɛn na Ɛboa Ma Wonyaa Ɔbɔadeɛ no mu Gyidi?

Aberante a ɔkɔɔ Bertil nkyɛn no ne no susuw nsɛm ho, na ɔkyerɛɛ no nsonsonoe a ɛwɔ nokware Kristosom ne ɔsom ahorow a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no mu. Bertil kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, sɛ Ɔbɔadeɛ no ho akyinnye a ɔne aberante no gyee no da nkyɛn a, biribi wɔ ne ho a n’ani gyee ho paa. Ɔka sɛ, “Ɛmfa ho sɛ na mapirim me koma no, onyaa me ho abotare. . . . Ɔtɔɔ ne bo ase maa me, na bere biara na ɔwɔ nhoma bi a ɔde bɛma me. Ná osiesie ne ho yiye ansa na waba me nkyɛn.” *

Ná Svetlana a adannandi ne Komunis agye ne ti no gye di sɛ wɔn a wɔwɔ ahoɔden no nkutoo na wɔkɔ so tena nkwa mu. Nanso na asɛm yi a ɛhaw nnipa pii no haw ɔbea yi nso. Ade a osuae wɔ nnuruyɛfo sukuu mu no maa n’adwene tu frae koraa. Ɔka sɛ: “Bere a yɛresua gyidi a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni hɔ ho ade no, wɔkyerɛɛ yɛn sɛ wɔn a wɔwɔ ahoɔden no na wɔkɔ so tena nkwa mu. Nanso wɔkyerɛɛ yɛn wɔ sukuu no mu sɛ ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn a wonni ahoɔden no.” Afei nso, na ɔnte ase sɛ nnipa a wɔka sɛ wofi kontromfi mu a wɔkorɔn sen mmoa no mmom nya adwenemhaw, nanso mmoa no de, wonhyia ɔhaw a ɛte saa. Obi a na ɔnhwɛ kwan koraa na ɔkyerɛkyerɛɛ no asɛm yi mu. Ɔka sɛ: “Me nanabea de Bible no kyerɛkyerɛɛ me sɛ, adwenemhaw a yenya no fi yɛn sintɔ.” Svetlana ani gyei nso sɛ Bible no ma ohuu nea enti a nnipa pa tumi hu amane no.

Ná Leif a ɔyɛ Scandinaviani no gye adannandi di paa, na na obu Bible no sɛ ɛyɛ anansesɛm nhoma bi. Nanso da koro bi, n’adamfo bi bisaa no ne gyidi no ho asɛm sɛ: “Wunim sɛ nea nkurɔfo ka ara na wo nso woka bi, na wunnim Bible no mu hwee?” Bere a Leif rekyerɛkyerɛ sɛnea saa nsɛm no kaa no no mu no, ɔkae sɛ: “Mibehui sɛ na menhyɛɛ da nsusuw adannandi ho nkɔɔ akyiri da, nanso na migye emu biribiara di. . . . Misusuw sɛ sɛ obi a onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ susuw Bible nkɔmhyɛ ne sɛnea enya mmamu no ho a, ɛbɛboa no ma wasusuw nneɛma ho yiye.”—Yesaia 42:5, 9.

Ná Ciarán a yɛaka ne ho asɛm no de ne ho ahyɛ amanyɔsɛm mu mfe pii ama n’abam abu. Bere a ɔresusuw asetena ho no, eyi na ɛbaa n’adwenem: Onyankopɔn a ɔwɔ tumi ne ɔdɔ no nkutoo na obetumi adi adesamma haw ahorow ho dwuma, na ɔno nkutoo na obetumi agye no afi ne haw mu. Osii apini sɛ, ‘O, mɛyɛ dɛn ahu Onyankopɔn a ɔte saa.’ Ɔde ahometew bɔɔ mpae sɛ: “Sɛ wowɔ hɔ a, tie me, boa me ma mimfi me haw yi mu, na boa adesamma a wɔrehu amane no nso.” Nna kakra bi akyi no, Yehowa Dansefo bi kɔbɔɔ ne pon mu. Ɔdansefo no kyerɛkyerɛɛ no nea Bible ka fa otirimɔdenfo a ɔhyɛ nnipa nniso akyi ho no mu. (Efesofo 6:12) Nkyerɛkyerɛmu a Ɔdansefo no de maa Ciarán no foaa nea na osusuw no so ma enti ɔpɛe sɛ ohu pii fa ho. Bere a wɔyɛɛ Bible adesua kɔɔ akyiri kakra no, gyidi a na ɔwɔ wɔ Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ ɔdɔ mu no mu fii ase yɛɛ den.

Wo ne Ɔbɔadeɛ no Ntam Abusuabɔ

Nyamesom mu nyaatwomyɛ, wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, nkyerɛkyerɛ bi te sɛ adannandi, ne nsɛmmɔnedi a abu so no ama nnipa pii adwenem ayɛ wɔn nãã, na ebinom mpo ka sɛ, Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ. Nanso sɛ woma kwan a, Bible no betumi ama wo nsɛmmisa ho mmuae a ɛtɔ asom. Afei nso, Bible no ma yehu sɛ Onyankopɔn adwene ‘nyɛ mmusu, na mmom asomdwoe adwene a ɛma yenya daakye ne anidaso.’ (Yeremia 29:11) Saa anidaso yi kyekyee Bernadette a na onnye nni sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ, a ɔwoo abofra a w’adi dɛm, no were.

Sɛnea Bible kyerɛkyerɛ nea enti a Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan no aka nnipa pii a bere bi na wonnye nni sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ no adwene ne wɔn koma. Sɛ wugye bere hwehwɛ mmuae a Bible de ma wɔ nsɛmmisa a ɛho hia yi ho mu a, wo nso wubehu sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ, na nokwasɛm ne sɛ “ɔne yɛn mu biara ntam nware.”—Asomafo Nnwuma 17:27.—w09-E 10/1.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛ ɛfata sɛ nokware Kristofo di ako anaasɛ ɛmfata a, hwɛ asɛm, “Is War Compatible With Christianity?” a ɛwɔ October 1, 2009, Watchtower no kratafa 29-31 no.

^ nky. 22 Sɛ wopɛ nea enti a Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan no mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 106 kosi 114.

^ nky. 25 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ ampa a, hwɛ Awake! a ɛbaa September 2006, a n’asɛmti ne “Is There a Creator?” a Yehowa Adansefo tintimii no.

[Adaka wɔ kratafa 13]

Nsɛmmisa a Adannandi Ntumi Mmaa ho Mmuae

• Ɛbɛyɛ dɛn na nkwa atumi afi biribi a nkwa nnim mu aba?—DWOM 36:9.

• Dɛn nti na mmoa wo wɔn sɛso na afifide nso sow ne so ne n’aba?—GENESIS 1:11, 21, 24-28.

• Sɛ nnipa fi nkontromfi a wonnim nyansa mu a, dɛn nti na kontromfi-nipa a onim nyansa biako mpo anka?—DWOM 8:5, 6.

• Yɛbɛyɛ dɛn agyina ayamye a nnipa wɔ no so akyerɛkyerɛ asɛm a ɛne sɛ wɔn a wɔwɔ ahoɔden no nkutoo na wɔkɔ so tena nkwa mu no mu?—ROMAFO 2:14, 15.

• So adesamma wɔ daakye ho anidaso ankasa?—DWOM 37:29.

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no bɔ wiase ma mmofra hu amane wom?

Nyamesom mu nyaatwomyɛ ama nnipa pii atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho