Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 NSƐM A AKENKANFO BISA . . .

Hena na Ɔbɔɔ Onyankopɔn?

Hena na Ɔbɔɔ Onyankopɔn?

Fa no sɛ agya bi ne ne babarima a wadi mfe ason redi nkɔmmɔ. Ɔka kyerɛ ne ba no sɛ, “Bere tenteenten a atwam no, Onyankopɔn bɔɔ asase ne emu nneɛma nyinaa, na ɔbɔɔ owia, ɔsram, ne nsoromma.” Abofra no dwen ho dinn, na afei obisa ne papa sɛ, “Paapa, hena na ɔbɔɔ Onyankopɔn?”

Agya no bua sɛ, “Onyankopɔn de, ɛnyɛ obiara na ɔbɔɔ no. Ɔwɔ hɔ fi tete.” Saa bere no de, mmuae tiawa a agya no de maa ne ba no, ɔte ase. Nanso bere a ɔrenyin no, asɛm no kɔ so ara haw no. Odwen ho ara a, ɔnte ase sɛ obi wɔ hɔ a onni mfiase. Ɔsoro ne asase ne emu nneɛma nyinaa mpo, sɛ́ ɛwɔ mfiase? Enti obisa ne ho sɛ, ‘Ɛhe na Onyankopɔn fi bae?’

Dɛn na Bible ka fa saa asɛm no ho? Mmuae a Bible de ma no, ɔkwan bi so no, ɛte sɛ nea agya a yɛde no yɛɛ mfatoho no ka kyerɛɛ ne ba no. Mose kyerɛwee sɛ: “O Yehowa, . . . wunnya nwoo mmepɔw, na wunnya nwoo asase ne wiase no, na woyɛ Onyankopɔn fi mmeresanten kosi mmeresanten.” (Dwom 90:1, 2) Odiyifo Yesaia nso paee mu kae sɛ: “So wunnim, na wontee? Yehowa a ɔbɔɔ asase anoano nohoa no yɛ daa Onyankopɔn”! (Yesaia 40:28) Saa ara nso na krataa a Yuda kyerɛwee no mu no, ɔkaa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ fi “mmeresanten.”Yuda 25.

Kyerɛwnsɛm yi kyerɛ yɛn sɛ, Onyankopɔn yɛ “mmeresanten Hene” sɛnea ɔsomafo Paulo kae no. (1 Timoteo 1:17) Ɛno kyerɛ sɛ, efi tete nteredee nyinaa na Onyankopɔn te ase, na ɔbɛtena ase akosi daa. (Adiyisɛm 1:8) Enti ade biako a ɛma Onyankopɔn yɛ ade nyinaa so Tumfoɔ ne sɛ ɔte ase fi tete kosi daa.

Adɛn nti na ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛte saa asɛm no ase? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛnea Yehowa bu nna no, ɛnyɛ saa koraa na ɛte wɔ yɛn fam efisɛ yɛn nna yɛ tiaa. Onyankopɔn te hɔ daa, enti mfe apem yɛ n’ani so da koro. (2 Petro 3:8) Yɛmfa abebɛw nyɛ ntotoho. Abebɛw atena nkwa mu akyɛ ara ne nnafua 50, na wawu. Yɛn de, yɛn nkwa nna yɛ mfe 70 anaa 80. Enti wohwɛ a, yɛka mfe 70 anaa 80 a, abebɛw bɛte ase sɛn? Ɛbɛyɛ den sɛ ɔde n’adwene bebu mpo! Yɛn nso, Bible ka sɛ yɛte sɛ mmebɛw wɔ yɛn Bɔfo Kunini no ani so. Yɛn adwene nnu ne de ho hwee. (Yesaia 40:22; 55:8, 9) Enti sɛ yɛnte Yehowa ho nsɛm bi ase a, ɛnyɛ nwonwa.

Ɛwom, yɛka sɛ Onyankopɔn nni mfiase nni awiei a, ebia asete bɛyɛ den ama yɛn. Nanso yetumi hu sɛ ntease wom. Sɛ obi na ɔbɔɔ Onyankopɔn a, ɛnde onii no na anka ɔbɛyɛ Ɔbɔadeɛ. Nanso, Bible ka sɛ, Yehowa na “[ɔbɔɔ] nneɛma nyinaa.” (Adiyisɛm 4:11) Afei nso yenim sɛ bere bi, na wiase yi ne abɔde foforo biara nni hɔ. (Genesis 1:1, 2) Ɛhe na efi bae? Ɛnyɛ dɛn ara a, nea ɔbɔɔ saa nneɛma no, na ɔwɔ hɔ dedaw ansa na ɔrebɔ. Ansa na abɔde bi te sɛ ne Ba a ɔwoo no koro no ne abɔfo nso reba no, na ɔwɔ hɔ dedaw. (Hiob 38:4, 7; Kolosefo 1:15) Enti ɛda adi pefee sɛ, mfiase no, na Ɔbɔadeɛ no nkutoo na ɔwɔ hɔ. Ná ɔwɔ hɔ dedaw ansa na biribi foforo biara reba, enti ɛnyɛ obiara na ɔbɔɔ no.

Sɛ yɛhwɛ nneɛma a ɛwɔ wim, asase ne nnipa a yɛte so no a, ne nyinaa di adanse sɛ Onyankopɔn bi hɔ, na ɔte hɔ daa. Ɔsoro abɔde te sɛ owia, ɔsram ne nsoromma akuwakuw nyinaa di kyinhyia. Nanso ebiara nam ne kwan a ɛmpempem. Nea ɔhyehyɛɛ no saa no, na ɔte ase ansa na saa nneɛma no nyinaa reba. Enti ɔno nkutoo na na obetumi ama biribi foforo biara aba nkwa mu.Hiob 33:4.