Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE TUMI SESA NNIPA

Nsɛmmisa Mmiɛnsa Bi Sesaa M’asetena

Nsɛmmisa Mmiɛnsa Bi Sesaa M’asetena
  • AFE A WƆWOO NO: 1949

  • ƆMAN A ƆFIRI MU: UNITED STATES

  • TEBEA A NA ƆWOM: NÁ ƆPƐ SƐ ƆHUNU NEA ENTI A YƐWƆ WIASE

ME KAN ASETENA:

Menyinii wɔ kuro ketewa bi a wɔfrɛ no Ancram mu. Ɛwɔ New York, U.S.A atifi fam. Mmoa paa na na wɔyɛn wɔn wɔ kuro no mu. Ná anantwi dɔɔso sen nnipa wɔ saa kuro no mu.

Asɔre baako pɛ na na ɛwɔ kuro no mu, enti ɛno na na yɛkɔ. Edu Kwasida anɔpa a, na me nanabarima twiw me mpaboa ho kama ma mehyɛ kɔ nkwadaa asɔre (Sunday school). Sɛ merekɔ a, na mede me Bible ketewa fitaa bi a me nanabaa de maa me kɔ. Wɔkyerɛkyerɛɛ me ne me nuanom sɛnea yɛbɛyɛ adwumaden, ne sɛnea yɛbɛkyerɛ obu ama nkurɔfo na yɛaboa wɔn. Afei wɔsan kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmma yɛn ani nsɔ nea yɛwɔ.

Menyiniiɛ no, metu fii m’awofo nkyɛn kɔkyerɛɛ ade. Ná mewɔ nsɛmmisa pii fa Onyankopɔn ne nnipa asetena ho. Nkwadaa a na mekyerɛ wɔn ade no, na ebi nim ade paa. Wɔn mu binom wɔ hɔ a na wɔnhyɛ da nnim ade nanso na wɔbɔ wɔn ho mmɔden. Afei nso, na ebinom adi dɛm bere a na ebinom deɛ wɔsi pi si ta. Ná menhunu nea enti a ɛsɛ sɛ ɛba saa. Ɛtɔ da a, na nkwadaa a wɔadi dɛm ne wɔn a wɔnhyɛ da nnim ade no awofo ka nsɛm bi te sɛ, “Saa na Onyankopɔn hyehyɛ too hɔ maa me ba no.” Mete nsɛm a ɛte saa a, na mebisa me ho nea enti a Onyankopɔn ma nkwadaa a wɔwo wɔn no bi di dɛm. Akwadaa deɛ menim sɛ ɔnnim hwee.

Ná metumi bisa me ho sɛ, ‘Dɛn paa na ɛsɛ sɛ mede m’asetena yɛ wɔ wiase?’ Metee nka sɛ me bere twa ara na ɛretwa mu. Wɔwoo me too abusua pa mu, wɔde me kɔɔ sukuu papa, na menyaa adwuma a ɛda me koma so yɛe. Nanso mehwɛ me daakye a, na mehunu sɛ biribi papa biara nna m’anim. Manya aboro so ara ne sɛ mɛware awo mma, anya me ara me fie kama; mɛyɛ adwuma akɔsi sɛ mɛkɔ pɛnhyen, na awiei koraa no m’akɔpue nkwakoraa ne mmerewa fie. Enti na mepɛ sɛ mehunu sɛ asetena ara ni.

SƐNEA BIBLE SESAA M’ASETENA:

Akwamma bere bi, me ne akyerɛkyerɛfo a me ne wɔn yɛ adwuma no bi kɔɔ Europe kɔhwehwɛɛ mmeae ahorow. Yɛkɔɔ baabi te sɛ Westminster Abbey, Notre-Dame de Paris, Vatican, ne asɔre nketewa ahorow pii mu nso. Baabiara a mekɔe no, mebisaa nsɛm a na ɛkyere m’adwene no. Sloatsburg a ɛwɔ New York na na mete kyerɛ ade, enti bere a yɛsan bae no, mekyinkyin nsɔrensɔre mu. Nanso obiara antumi amma me mmuaeɛ papa biara.

Ɛda bi, sukuu nkwadaa no mu baako a wadi mfe 12 baa me nkyɛn bɛbisaa me nsɛm mmiɛnsa bi. Nea ɛdi kan no, ɔbisaa me sɛ menim sɛ ɔyɛ Yehowa Danseni anaa. Meka kyerɛɛ no sɛ aane menim. Nea ɛtɔ so mmienu, ɔbisaa me sɛ, m’ani bɛgye ho sɛ mɛhunu Yehowa Adansefo ho nsɛm pii anaa. Ɛno nso, memaa no mmuaeɛ sɛ aane. Afei ɔsan bisaa me baabi a mete. Enti mekyerɛɛ no me fie; sɛɛ na ɔne n’awofo te bɛn me mpo. Ná mennim da sɛ saa nsɛm mmiɛnsa a abaayewa no bisaa me no bɛsesa m’asetena koraa.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔde ne sakre baa me fie na yɛfirii ase suaa Bible. Mebisaa no nsɛm a asɔfo pii antumi amma me ho mmuaeɛ no. Nanso, abaayewa yi deɛ, ɔmaa me kenkanee me nsɛmmisa no ho mmuaeɛ a ɛtɔ asom wɔ me ara me Bible mu. Nokwasɛm ne sɛ na menhunuu saa nsɛm no da!

Nea mesua fii Bible mu no maa m’ani gyei paa, na me koma tɔɔ me yam. Bere a mekenkan asɛm a ɛwɔ 1 Yohane 5:19 no, ɛkaa me koma yie. Ɛka sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔnefoɔ no tumi mu.” Bere a mebɛhunuu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma nnipa hu amane na mmom ɛyɛ Satan, na Onyankopɔn bɛba abɛyi adesamma haw nyinaa afi hɔ no, me koma tɔɔ me yam. (Adiyisɛm 21:3, 4) Mebɛhunuu sɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ Bible mu yie a, ntease wom paa. Ɛwom sɛ na Ɔdansefo a ɔne me sua Bible no adi mfe 12 pɛ deɛ, nanso mehunuu sɛ nokware yɛ nokware; ɛmfa ho onipa ko a ɔreka no.

Nanso, na mepɛ sɛ mehunu sɛ Adansefo no de nea wɔka no yɛ adwuma anaa. Efisɛ wɔ yɛn adesua no mu no, abaayewa no maa mehunuu sɛ nokware Kristofo da su bi te sɛ abotare ne ayamye adi. (Galatifoɔ 5:22, 23) Enti, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛsɔ no ahwɛ ahu sɛ n’ankasa wɔ saa su no bi anaa. Ná yɛwɔ bere pɔtee bi a yɛhyia sua ade, nanso da koro bi deɛ, mehyɛɛ da kaa akyi. Ná mepɛ sɛ mehunu sɛ ɔbɛtwɛn anaa. Na sɛ ɔtwɛn nso a, ne bo befuw me? Bere a mebɛduruiɛ a merewura fie no, mehunuu sɛ ɔwɔ m’aboboano retwɛn me. Ɔhunuu me kar no ara pɛ na ɔtuu mmirika baa me nkyɛn. Nea ɔkae ne sɛ, “Anka merekɔ fie akɔka akyerɛ me maame sɛ ɔmma yɛmfrɛ ayaresabea ahorow ne polisifo nhwɛ sɛ biribi ayɛ wo anaa, efisɛ efi bere a yɛfirii ase suaa ade yi wonkaa akyi da. Enti na meredwene wo ho paa!”

Da koro bi nso, mebisaa asɛm bi a na menim sɛ ɛbɛyɛ den ama akwadaa a wadi mfe 12 sɛ ɔbɛyi ano. Ná mepɛ sɛ mehunu sɛ ɔbɛbɔ ne tirim aka biribi akyerɛ me anaa. Bere a mebisaa no saa asɛm no, ɔhwɛɛ m’anim dinn na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wei deɛ mentumi nyi ano, enti mɛkyerɛw de akɔbisa m’awofo.” Ɔde ɔseɛ yɛɛ ɔyɔ. Da a ɛdi hɔ a yɛrebɛsua ade no, ɔde Ɔwɛn-Aban bi a ɛbua m’asɛmmisa no brɛɛ me. Ɛno na ɛmaa m’ani bɛgyee Adansefo no ho kɛse. Menyaa me nsɛmmisa nyinaa ho mmuaeɛ wɔ wɔn nwoma ahorow a wɔde sua Bible no mu. Me ne abaayewa no kɔɔ so suaa ade, na afe akyi no mebɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Danseni. *

SƐNEA ABOA ME:

Bere a menyaa me nsɛmmisa nyinaa ho mmuaeɛ a ɛtɔ asom no, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛka nea mahu no akyerɛ afoforo. (Mateo 12:35) Mfiase no, m’abusuafo sɔre tiaa me. Nanso nkakrankakra, wɔgyaee me haw. Me maame nso fii ase suaa Bible no, nanso ankyɛ na ɔwuiɛ. Ɛwom sɛ wammɔ asu deɛ, nanso megye di paa sɛ na wasi gyinae sɛ ɔbɛsom Yehowa.

Afe 1978 mu no, mewaree Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Elias Kazan. Afe 1981 mu na wɔtoo nsa frɛɛ me ne Elias sɛ yɛmmɛsom wɔ United States Betel. * Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, mfe nnan pɛ na Elias wu gyaw me. Ɛwom sɛ mebɛyɛɛ okunafo deɛ, nanso mekɔɔ so ara somee wɔ Betel, enti bere nyinaa na mewɔ biribi yɛ, na ɛmaa menyaa awerɛkyekye.

Afe 2006 mu no, mewaree Richard Eldred a ɔno nso som wɔ Betel. Me ne Richard da so ara som wɔ Betel. Onyankopɔn ho nokwasɛm a mehunuiɛ no ama manya me nsɛmmisa no ho mmuaeɛ, na asan ama mahu nea enti a yɛwɔ wiase. Ne nyinaa hyɛɛ ase fi bere a abaayewa no bisaa me nsɛm mmiɛnsa bi no.

^ nky. 16 Yɛka ne nyinaa bom a, abaayewa no ne ne nuanom ne wɔn akyerɛkyerɛfo nnum na esuaa Bible ma wɔbɛsom Yehowa.

^ nky. 18 “Betel” kyerɛ “Onyankopɔn Fie.” Ɛyɛ din a Yehowa Adansefo de frɛ wɔn adwumayɛbea no nkorabata a ɛwɔ wiase nyinaa no. (Genesis 28:17, 19) Wɔn a wɔwɔ Betel no yɛ adwuma ahorow de boa nkyerɛkyerɛ adwuma a Yehowa Adansefo yɛ no.