Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Adesua Baako Sow Aba Pii

Bible Adesua Baako Sow Aba Pii

 Marta yɛ Yehowa Danseni bi a ɔte Guatemala. Ɔresua Kekchi kasa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka Bible mu asɛm akyerɛ wɔn a wɔka saa kasa no. Da koro bi, ohui sɛ papa bi repue afi ayaresabea bi mu. Sɛnea na papa no asiesie ne ho no maa Marta hui sɛ ofi Kekchi nkuraase no bi mu. Saa nkuraa no ase no, Yehowa Adansefo ntaa nka asɛm no wɔ hɔ. Bere a Marta huu papa no, ɔde ne Kekchi kakra a wasua no kyiaa no ne ne bɔɔ nkɔmmɔ.

 Bere a Marta kaa Bible adesua ho asɛm kyerɛɛ papa no, n’ani gyee ho, na ogye toom. Nanso ɔkaa sɛ, onni sika a ɔde betua Bible adesua no ho ka. Marta ka kyerɛɛ no sɛ, sɛ Yehowa Adansefo ne nkurɔfo sua ade a, wonnye sika. Ɔsan ka kyerɛɛ papa no sɛ, wobetumi ne no asua ade wɔ fon so, sɛnea ɛbɛyɛ a papa no abusua betumi atie bi. Papa no penee so. Ná papa no tumi ka Spanish kasa, na na otumi kenkan, enti Marta maa no Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase a ɛwɔ Spanish kasa mu no bi. Ɔsan maa no Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no wɔ Kekchi kasa mu. Nnawɔtwe a edi hɔ no, Marta fii ase ne papa no ne ne yere ne ne mma mmienu suaa ade wɔ fon so. Ná wɔyɛ adesua no mprenu nnawɔtwe biara. Marta ka sɛ, “Esiane sɛ na mente Kekchi kasa no papa nti, na yesua ade wɔ Spanish kasa mu. Na papa no ne mmofra no te Spanish, nanso na ne yere no nte Spanish no papa. Enti sɛ papa no te nea yɛresua no ase a, na wɔakyerɛ mu akyerɛ ne yere no wɔ Kekchi kasa mu.”

 Ná papa no yɛ ɔsɔfo, enti nneɛma a na ɔresua no, na ɔde kyerɛkyerɛ n’asɔremma. Ná asɔremma no ani gye nea na ɔsɔfo no rekyerɛkyerɛ wɔn no ho, enti wobisaa no baabi a onyaa nsɛm a ɔde rekyerɛkyerɛ wɔn no fii. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ɔne Yehowa Adansefo na esua ade. Bere a wɔtee saa no, ebinom kɔkaa sɔfo no ho ne Marta suaa Bible no. Ɛyɛɛ kakra no na nnipa bɛyɛ 15 na wohyiam nnawɔtwe biara ne Marta yɛ adesua wɔ fon so. Bere rekɔ so no, na wɔde akasam anaa microphone to fon no ho sɛnea ɛbɛyɛ a Marta kasa a, obiara a ɔwɔ hɔ bɛte.

 Marta kaa Bible adesua a ɔreyɛ no ho asɛm kyerɛɛ n’asafo mu mpanyimfo. Wei nti, wɔn mu baako kɔɔ akuraa a asuafo no te no kɔsraa wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ɔpɛ sɛ ɔto nsa frɛ wɔn ma wobetie ɔkasa bi a ɔmansin sohwɛfo a bɛma wɔ akuraa bi a ɛbɛn wɔn no ase. Efi baabi a wɔte rekɔ akuraa no ase no ware. Sɛ wɔrenantew a, ebegye wɔn nnɔnhwerew mmienu, nanso sɛ wɔde kar na ɛbɛkɔ de a, ebegye wɔn dɔnhwerew baako. Asuafo no gye toom sɛ wɔbɛba. Da no durui no, wɔn mu 17 na ekotiee ɔkasa no.

 Nnawɔtwe bi akyi no, ɔmansin sohwɛfo no ne Adansefo no mu bi kodii nna nnan wɔ baabi a Bible asuafo no te no. Nea na wɔyɛ ne sɛ, sɛ edu anɔpa a, na wɔhwɛ video ahorow a ɛwɔ jw.org so no bi wɔ Kekchi kasa mu. Wowie a, na wɔasua Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ? nhomawa no. Sɛ edu awia a, na wɔhwɛ JW Broadcasting no fã ahorow bi. Afei ɔmansin sohwɛfo no yɛɛ nhyehyɛe maa Bible asuafo no mu biara nyaa obi a ɔne no besua ade.

 Nna nnan a wodii wɔ akuraa no ase no, Adansefo no kaa asɛmpa no wɔ nkuraa a ɛbemmɛn hɔ no ase. Wɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra nhyiam titiriw a wɔrebɛyɛ no bi. Nnipa 47 na ɛbaa nhyiam titiriw no bi. Anuanom no kaa Bible adesua no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔbaa nhyiam no, na mmusua dubaako penee so sɛ wɔne wɔn mmesua ade.

 Bosome kakra akyi no, mpanyimfo no yɛɛ nhyehyɛe sɛ Memeneda anaa Kwasida biara wɔbɛkɔ akɔyɛ adesua wɔ akuraa no ase. Yɛrekasa yi, nnipa bɛyɛ 40 na wɔkɔ adesua a wɔntoto mu. Bere a wɔyɛɛ Yesu wu Nkaedi no wɔ akuraa no ase no, nnipa 91 na ɛkɔɔ bi. Wei maa anuanom no ani gyei paa.

 Sɛ Marta kae nea ɛyɛe a Bible adesua baako a ofii ase asow aba pii a, ɔka sɛ: “Meda Yehowa ase paa. Ɛtɔ da a, mete nka sɛ mintumi nyɛ pii. Nanso Yehowa tumi fa yɛn so boa afoforo. Yehowa nim nea na ɛwɔ wɔn a na wɔtete nkuraa no ase komam, enti na ɔtwee wɔn bɛkaa ne nkurɔfo ho no. Minim sɛ Yehowa dɔ wɔn paa.”

a Ɔmansin sohwɛfo yɛ Yehowa Danseni bi a ɔsrasra asafo ahorow wɔ ne mansin mu. Asafo ahorow bɛyɛ 20 na ebom yɛ ɔmansin baako.