Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ayɔnkofa

Sɛnea Yɛfa Nnamfo

Ebetumi Asi Wo Yiye—Sɛnea Yɛne Yɛn Abusuafo Ne Yɛn Nnamfo Ntam Bɛyɛ Kama

Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne afoforo ntam yɛ kama a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nea yebetumi ayɛ ama wɔn. Ɛnsɛ sɛ daa yɛde yɛn adwene si nea yebetumi anya afi wɔn hɔ so.

Dɛn na Ɛma Obi Yɛ Adamfo Pa?

Nnipa pii nim sɛ yehia nnamfo pa. Dɛn na ɛbɛma woayɛ adamfo pa? Wokan asɛm yi a, wubehu nneɛma nnan a Bible ka ho asɛm.

Yɛka Adamfo Paa a, Ɔne Hena?

Nnamfo pa ho yɛ nã. Wobɛyɛ dɛn anya bi?

Nea Ɛbɛma Woanya Nnamfo Pa

Nneɛma nnan a ebetumi aboa wo ama woanya nnamfo pa.

Ankonam

Sɛnea Wobɛdi Ankonamyɛ So

Wotaa yɛ ankonam a ɛbɛtumi adi wo awu. Ɛte sɛ obi a ɔnom sigaret mmaako mmaako 15 da biara. Wobɛyɛ dɛn adi ankonamyɛ so na woannya adwene sɛ obiara mpɛ w’asɛm?

Adɛn Nti Na Minni Adamfo Biara?

Ɛnyɛ wo nkutoo na wote nka sɛ woayɛ ankonam anaa wunni adamfo. Kenkan asɛm a ɛwɔ ha yi, na wubehu sɛnea wo mfɛfo redi ankonamyɛ so.

Sɛ Nkurɔfo Nnye Me Ntom a, Menyɛ Dɛn?

Nea ɛwɔ he paa na ehia? Sɛ́ wobɛyɛ nea wubetumi biara ama afoforo a wɔmmɔ bra pa agye wo atom, anaa sɛ́ wobɛma wɔahu sɛnea wote nka ankasa?

Ɛlɛtrɔnik Afiri So Nkitahodi

Wopɔn a, Woapɔn

Hwɛ nneɛma nnum a ɛbɛboa wo na adwuma annye w’aware ammɔ so.

Mma Abɛɛfo Mfiri Nnnye Wo Mmmɔ So

Abɛɛfo mfiri betumi ama w’aware ayɛ yiye na ebetumi nso ama no ayɛ basaa. Aka w’aware sɛn?

Wokɔ Sohyial Nɛtwɛk So a, Hwɛ Yie

Wobɛtumi ne wo nnamfo adi nkitaho wɔ sohyial nɛtwɛk so ama w’ani agye. Nanso ɛyɛ a ma w’ani nna hɔ.

Text Message—Dɛn na Ɛsɛ sɛ Woyɛ?

Sɛ wo ne obi rebɔ nkɔmmɔ na wutwa so kenkan text message a, ɛkyerɛ sɛ w’ani mmuei anaa? Sɛ woanhwɛ text no na wo ne w’adamfo no toa nkɔmmɔ no so a, ɛno nso ɛ, ɛkyerɛ sɛ w’ani mmuei anaa?

Ɔbea Ne Barima Nantew

Masõ Sɛ Me Ne Ɔbea Anaa Barima Bɛnantew?

Nneɛma nnum yi betumi aboa wo ama woahu sɛ woaso aware anaa woaso sɛ wo ne ɔbea anaa barima nantew a.

Yɛyɛ Nnamfo Kɛkɛ Anaa Biribi Wom?​—Ɔfã 1: Dɛn Na Nea Ɔreyɛ Yi Kyerɛ?

Hwehwɛ nneɛma a ɛbɛma woahu sɛ onipa no ani gye wo ho anaa ɔpɛ wo adamfo kɛkɛ.

Sɛ Me Ne Obi Renantew, Dɛn Na Ɛsɛ Mehwɛ Kwan?

Sɛ wo ne obi nantew na edu baabi a, nneɛma mmiɛnsa bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ mudwen ho. Ɛyɛ nneɛma bɛn?

Ɛyɛ Ɔdɔ Kann Anaa Akɔnnɔ Kɛkɛ?

Hwɛ nea akɔnnɔ ne ɔdɔ kann kyerɛ.

Dɛn Na Bible Ka Fa Mpena Aware Ho?

Onyankopɔn akwankyerɛ ma yehu sɛnea yɛbɛhyehyɛ abusua a anigye wom. Wɔn a wɔde n’akwankyerɛ yɛ adwuma no nya so mfaso bere nyinaa.

Ɔdɔ Kann​—Ɛne Deɛn?

Bible mu afotusɛm bɛtumi aboa Kristofo ama wɔanya kunu pa ne yere pa. Sɛ wɔware wie nso a, ɛbɛma wɔde ɔdɔ kann atena ase.

Bere a Awareɛ Nhyehyɛe Bi Anyɛ Yie

Wo ne obi twa nhyehyɛe mu a, wobɛyɛ dɛn agyina wo nan so bio?

Sɛnea Yesiesie Akasakasa

Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mepa Kyɛw?

Sɛ woyɛ biribi na wuhu sɛ mfomso nhyɛ da nni ho mpo a, hwɛ nneɛma mmiɛnsa nti a ɛsɛ sɛ woka ‘mepa wo kyɛw’.

Dɛn Na Bible Ka Fa Abufuw Ho?

Ɛtɔ da a, ntease wom sɛ wo bo befuw anaa? Sɛ abufuw no reyɛ afi ase a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

Ɛbɛyɛ Dɛn na Asomdwoe Aba Nnipa Ntam?

Wɔn a kan na wɔte adowa nwoma so no, Bible aboa wɔn ma wɔasiesie wɔn ntam ma wɔayɛ nnamfo mpo.

Sɛnea Wɔde Mfomso Firi

Dɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ wode mfomso befiri? Hwɛ sɛnea Bible mu afotu betumi aboa.

Ɔkwan a Wɔfa So Nya Anigye—Fa Bɔne Kyɛ

Sɛ obi taa fa abufuw anaa ɔde nkurɔfo ho yawdi hyɛ ne mu a, ɛmma n’ani nnye, na otumi yare nso.

Prejudice and Discrimination

Ɔtan Hunu—Ɛyɛ Amansan Haw

Dɛn ne ɔtan hunu? Adɛn nti na yebetumi aka sɛ adidi nnipa mu na ɛyɛ amansan haw?

Ɔtanhunu—Saa Suban No Bi Wɔ Wo Ho Anaa?

Nneɛma bɛn na yɛyɛ a ebetumi akyerɛ sɛ yɛwɔ afoforo ho adwemmɔne?

Deɛn na Bible Ka Wɔ Nnipa mu Nyiyim Ho?

Nnipa nyinaa yɛ pɛ anaa? Enti nnipa mu nyiyim to betwa?

Sɛnea Yebetumi Adi Ɔtan So Nkonim—Nyɛ Nyiyim

Onyankopɔn nyiyi nnipa mu. Sɛ wusuasua no a, ɛbɛboa wo ama woanya afoforo ho adwempa.

Ɔtanhunu—Fa Nnipa Ahorow Nyinaa Nnamfo

Sɛ wofa nnipa ahorow nyinaa bi nnamfo a, hwɛ mfaso a wubenya.

Abibifo, Aborɔfo, Ne Nnipa a Aka Nyinaa—Da Bɛn Na Obiara Begye Atom Sɛ Ɔnkyɛn Ne Yɔnko?—Dɛn Na Bible Ka?

Nnipa ɔpepem pii resua Bible, na ɛreboa wɔn ama wɔahu sɛnea wɔbebu wɔn yɔnko nnipa na wɔadi wɔn ni.

Ɔtan Hunu Befi Wiase—Da Bɛn?

Nnipa bi asetenam nsɛm kyerɛ sɛ Bible reboa nkurɔfo ama wɔadi ɔtan hunu so. Bere bɛn na ase betu koraa?

Enti Bere Bi Bɛba a Nokware Dɔ Bedi Ɔtan So?

Ɛyɛ den paa sɛ obi beyi ɔtanhunu afi ne koma mu. Hwɛ sɛnea Yudani ne Palestinani bi tumi yii ɔtanhunu fii wɔn koma mu.

Johny ne Gideon: Atamfo a Wɔadane Anuanom

Wokɔ mmeae bi a, abibifo mpɛ aborɔfo asɛm ɛnna aborɔfo nso mpɛ abibifo asɛm. Hwɛ nea ɛboaa mmarima mmienu bi a wɔwɔ South Africa ma wotumi dii saa ɔtanhunu yi so.

Ná Mepɛ Sɛ Meko Tia Ntɛnkyea

Rafika de ne ho bɔɔ atuatew kuw bi sɛ ɔreko atia ntɛnkyea. Nanso, ohui sɛ Bible ahyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛma yɛanya asomdwoe ne atɛntrenee.