Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Yɛyɛ Nnamfo Kɛkɛ Anaa Biribi Wom?​—Ɔfã 1: Dɛn Na Nea Ɔreyɛ Yi Kyerɛ?

Yɛyɛ Nnamfo Kɛkɛ Anaa Biribi Wom?​—Ɔfã 1: Dɛn Na Nea Ɔreyɛ Yi Kyerɛ?

 W’ani gye w’adamfo yi ho pa ara, na wugye di sɛ ɔno nso ani gye wo ho. Ade yi, daa ɔsɛnde wo text message na wo nso wosɛnde no bi. Muhyia wɔ apontow ne nneɛma a ɛtete saa ase nso a, wo ne no ara . . . , text message a ɔde asɛnde wo no bi nso ma wuhu pa ara sɛ n’ani gye wo ho.

 Enti woyɛe sɛ wo ne no bɛka ho asɛm ahwɛ sɛ ebia sɛnea wote nka no, saa ara na ɔno nso te nka anaa. Wonkɔte a, ose: “Mibu wo sɛ m’adamfo kɛkɛ​—biribiara nni mu.”

 Sɛnea ɛyɛ yaw

 “Me bo fuwii pa ara​—me bo fuw no, na ɛhyee me pa ara sɛ mama aba saa! Ná yɛsɛnde yɛn ho text message da biara, na mihui nso sɛ n’ani gye me ho pa ara. Enti me nso m’ani begyee ne ho.”​—Jasmine.

 “Ná nnipa mmienu bi ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛware. Sɛ wɔrepue a wɔde me ne ababaa bi ka wɔn ho sɛ yenkogya wɔn. Eduu baabi no, na ayɛ sɛ nea yɛn nso yɛayɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛware no. Ná yɛtaa bɔ nkɔmmɔ na yefii ase sɛndee yɛn ho text message. Saa bere no nyinaa sɛɛ na ɔne aberante bi ayɛ aware nhyehyɛe dedaw a minnim. Enti bere a ɔka kyerɛɛ me sɛ obu me sɛ adamfo bi kɛkɛ no, ɛhyee me pa ara.​—Richard.

 “Da biara na aberante bi taa sɛnde me text message, na ɛtɔ da nso a, na yɛn nyinaa keka nsɛm bi a ɛkyerɛ sɛ ‘obiara ani gye ne yɔnko ho.’ Nanso bere a mema ohuu sɛnea mete nka no, ɔserew kaa sɛ, ‘Menyɛɛ m’adwene sɛ me ne obiara bɛyɛ aware nhyehyɛe seesei!’ Misui saa ara.”​—Tamara.

 Nea yɛreka akosi: Sɛ w’ani gye obi ho na wubehu sɛ ɔno de, n’ani nnye wo ho a, ntease wom sɛ wo bo betumi afuw, w’ani betumi awu, na woate nka sɛ woayi wo baako ahyɛ wo nsa. Aberante bi a ne din de Steven ka sɛ: “Asɛm yi bi too me no, ebubuu me koraa. Ɛkyɛe ansa na meretumi asan agye obi adi.”

 Nea enti a etumi ba saa

 Text message ne sohyial media nti, ɛnyɛ den koraa sɛ wubenya ɔdɔ ama obi a n’ani nnye wo ho koraa. Tie nea mmabun bi wɔ ka.

 “Obi a onhu nea ɔmfa ne bere nyɛ betumi asɛnde wo text message nanso anhwɛ a wubenya adwene sɛ ɔdɔ wo. Sɛ ɔsɛnde wo text message da biara de a, ɛnde anhwɛ a wobɛte nka sɛ afei de afa.”​—Jennifer.

 “Obi wɔ hɔ a, ɔne obi bɔ nkɔmmɔ kɛkɛ na ama wate nka sɛ ɔno nso yɛ obi. Nanso wobɛhwɛ no, na nea ɔne no taa bɔ nkɔmmɔ no anya adwene sɛ gyama n’ani gye ne ho.”​—James.

 “Sɛ obi sɛnde wo text message sɛ ‘da yiye’ mpo a, anhwɛ wubetumi anya adwene sɛ n’ani gye wo ho nanso ebia na ɛnyɛ ɛno koraa ne n’adwene.”​—Hailey.

 “Sɛ obi serew kyerɛ wo a, ebetumi akyerɛ sɛ ‘n’ani gye wo ho’ anaa ‘ɔpɛ nipa.’ Wo a ɔserew kyerɛɛ wo no, anhwɛ a wubetumi anya adwene sɛ n’ani gye wo ho.”​—Alicia.

 Nea yɛreka akosi: Hu nea ɛkyerɛ sɛ obi dwen wo ho, ne nea ɛkyerɛ sɛ n’ani gye wo ho.

 Nea yɛreka yi nyɛ den nanso ne yɛ nna fam. Bible ka sɛ: “Koma yɛ okontomponi sen ade nyinaa na ne ho yɛ ahometew.” (Yeremia 17:9) Sɛ obi dwen wo ho nanso wofa no sɛ n’ani gye wo ho a, ɛbɛyɛ te sɛ nea woaso dae sɛ woadidi amee nanso wobɛsɔre no, na ɔkɔm de wo.

 Nea wubetumi ayɛ

  •   Hwehwɛ wo ho mu. Tɔ wo bo ase na susuw wo ne onipa no adamfofa no ho hwɛ. Bisa wo ho sɛ, ‘Enti ampa-ne-ampa ara ɔpɛ m’asɛm sen obiara?’ Hwɛ yiye na atenka a woanya no amfura w’ani anaa ansɛe ‘w’adwene.’​—Romafo 12:1.

  •   Fa w’ani to fam. Nneɛma ahorow a ɛma wote nka sɛ onipa no ani gye wo ho no, mfa w’adwene nsi ɛno nko ara so, mmom biribiara a ɛma wuhu sɛ, ɛsɛ sɛ wosesa w’adwene no, mmu w’ani nngu so. Ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ sɛnea wote nka wɔ onipa no ho no, saa ara na ɔno nso te nka wɔ wo ho.

  •   Nya ntoboase. Sɛ w’adamfo no ankasa ampae mu anka ankyerɛ wo sɛ ɔpɛ wo a, hwɛ yiye na woanyɛ biribiara a ɛbɛma woadi yaw pii.

  •   Di nokware. Bible ka sɛ, ‘ɔkasa wɔ ne bere.’ (Ɔsɛnkafo 3:7) Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛ w’adamfo no pɛ wo anaasɛ ɔmpɛ wo a, wo ne no nka ho asɛm. Valerie adi mfe 21, ɔka sɛ: “Sɛ wuhu sɛ, sɛnea wote nka no, ɛnyɛ saa ara na w’adamfo no nso te nka a, ɛwom, ɛbɛyɛ wo yaw de, nanso eye sɛ wubedi yaw seesei sen sɛ mobɛnantew abosome bebree ansa na woahu sɛ ɛnyɛ pɛ na ɔpɛ wo, na mmom ɔpɛ wo adamfo kɛkɛ.”

 Nea yɛreka akosi: Mmebusɛm 4:23 ka sɛ, “Bɔ wo koma ho ban.” Sɛ wuhu sɛ w’ani gye obi ho a, hwɛ sɛ ebia ɔno nso ani gye wo ho anaa. Sɛ woma onipa no ho akɔnnɔ gye ntini wɔ wo koma mu ansa na woahu sɛ n’ani gye wo ho anaasɛ n’ani nnye wo ho a, ɛbɛyɛ te sɛ nea worebɔ mmɔden sɛ wubedua biribi wɔ ɔbotan so no.

 Sɛ wuhu sɛ onipa no nso ani gye wo ho, na sɛ moanyin sɛnea ɛfata a mubetumi ayɛ aware nhyehyɛe a, ɛnde w’ankasa wubetumi asi gyinae sɛ mobɛtoa adamfofa no so anaa morentoa so. Kae sɛ, sɛ aware betumi agyina a gye sɛ ɔbea ne okunu no nyinaa kura botae baako wɔ Onyankopɔn som mu, na ɛsɛ sɛ wotumi ka nokware kyerɛ wɔn ho wɔn ho a wɔmfa biribiara nsie. (1 Korintofo 7:39) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wofi ase sɛ nnamfo pa na wotumi toa so.​—Mmebusɛm 5:18.