Nnwom 4:1-8

  • Mpae a ɛkyerɛ Onyankopɔn mu ahotoso

    • “Mo bo mfuw, nanso monnyɛ bɔne” (4)

    • ‘Mɛda asomdwoe mu’ (8)

Wɔde ma dwom kyerɛfo sɛ wɔmfa asanku nto. Dawid dwom. 4  O me trenee Nyankopɔn,+ mefrɛ wo a, gye me so. Sɛ mekɔ ahohia mu a, ma minnya me ho ntetew.* Hu me mmɔbɔ na tie me mpaebɔ.   Nnipa mma, mubebu m’anuonyam animtiaa akosi da bɛn? Mobɛdɔ adehunu akosi da bɛn? Mubedi atoro akyi akosi da bɛn? (Sela)   Munhu sɛ obi a odi Yehowa nokware de, ɔrenni ne ho agoru koraa;*Mefrɛ Yehowa a, obetie me.   Mo bo mfuw, nanso monnyɛ bɔne.+ Monka mo asɛm mo koma mu wɔ mo mpa so, na monyɛ komm. (Sela)   Mommɔ trenee afɔre,Na momfa mo ho nto Yehowa so.+   Nnipa pii rekeka sɛ: “Hena na ɔbɛma yɛahu adepa?” O Yehowa, ma w’anim hann nhyerɛn yɛn so.+   Woama me koma ani agyeAsen wɔn a wotwa hwiit* pii na bobesa foforo bu wɔn so no.   Mɛtɔ hɔ na mada asomdwoe mu,+Efisɛ wo Yehowa, wo nkutoo na woma minya ahotɔ.+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “ma kwan kɛse mmɛda hɔ mma me.”
Anaa “ɔbɛma wada nsow.”
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.