Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 SUASUA WƆN GYIDI

Wamma Nneɛma Bɔne a Ɛkɔɔ so Ammu N’abam

Wamma Nneɛma Bɔne a Ɛkɔɔ so Ammu N’abam

ELIA kɔfaa Yordan Subon no ho. Ofi Bepɔw Horeb so de n’ani kyerɛɛ atifi fam twaa kwantenten kɔɔ ne kurom; akwantu no kyɛe. Okodui no, ohui sɛ afei de, nneɛma resesã wɔ Israel. Ɔpɛ a na asi kurom hɔ akyɛ no nti, na nneɛma ayɛ basaa, nanso afei de na ano abrɛ ase, efisɛ na nsu afi ase retɔ ama akuafo nso redɔ wɔn nsase. Bere a odiyifo no hui sɛ asase no reyɛ yiye no, ɛbɛyɛ sɛ ne koma tɔɔ ne yam. Nanso nea na ehia no paa ne ne nkurɔfo, efisɛ na wɔne Onyankopɔn ntam asɛe koraa. Ná wɔda so ara som Baal, enti adwuma de, na Elia wɔ bi yɛ. *

Elia hui sɛ nkurɔfo reyɛ afusase kɛse bi so adwuma wɔ Abel-Mehola mpɔtam hɔ baabi. Ná nkurɔfo no de anantwi aduonu anan a wɔsa so abien abien refuntum asase no. Ɔbarima a ɔne anantwi a etwa to no nam no, ɔno na na Elia rehwehwɛ no. Ɔno ne Elisa, na na Yehowa ayi no sɛ ɔno na obesi Elia ananmu. Bere bi, na Elia susuw sɛ ɔno nko ara ne obi a ɔsom Nyankopɔn, enti na ne ho pere no sɛ obehu saa barima no.1 Ahene 18:22; 19:14-19.

Adwuma ne hokwan a na Elia wɔ a ɔde bi rebɛma Elisa ama daakye wabesi n’anan no, wohwɛ a, na ɛbɛhaw Elia anaa? Yennim. Yɛrentumi nka nso sɛ biribi saa amma ne tirim da. Adeɛ yi, na ɔyɛ “onipa a ɔwɔ nkate te sɛ yɛn ara.” (Yakobo 5:17) Ne nyinaa mu no, Bible bɔ amanneɛ sɛ: “Elia kɔɔ ne nkyɛn de n’atade koguu ne so.” (1 Ahene 19:19) Elia atade no, ɛbɛyɛ sɛ oguan anaa abirekyi nhoma na na wɔde ayɛ no batakari, na ɔhyɛ a, ɛma obiara hu sɛ ɔyɛ obi a Yehowa ayi no. Enti Elisa mmati so a ɔde gui no kyerɛ biribi paa. Yehowa akwankyerɛ a ɔde maa Elia sɛ onyi obi a obesi n’anan no, ofii ahobrɛase mu tiei, na oyii Elisa sɛ ne nanmusini. Elia de ne ho too ne Nyankopɔn so na otiee no.

Elia brɛɛ ne ho ase yii Elisa sɛ ɔno na obesi n’anan

Aberante Elisa nso, na onni haw koraa; ná wayɛ krado sɛ ɔbɛboa odiyifo akwakoraa no. Nanso ɛnyɛ saa bere no na Elisa dii Elia ade. Mmom no, Elisa brɛɛ ne ho ase dii odiyifo akwakoraa Elia akyi boaa no bɛyɛ mfe asia. Akyiri yi, wɔkaa Elisa ho asɛm sɛ nea “na ɔde nsu gu Elia nsa so.” (2 Ahene 3:11) Ɔboafo pa a Elia nyae yi nti, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei! Ɛbɛyɛ sɛ mmarima baanu yi bɛyɛɛ nnamfo paa, na wɔhyehyɛɛ wɔn ho nkuran, na ɛboaa wɔn paa ma enti nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so no ammu wɔn aba mu, ɛnkanka Ɔhene Ahab amumɔyɛ a na ɛregye nsam koraa no.

Obi de asɛm a ntease nnim adi wo da? Wiase a aporɔw yi mu de, yɛn mu dodow no ara afa tebea a ɛte saa mu da. Nanso sɛ wunya adamfo bi a ɔdɔ Onyankopɔn a, obetumi aboa wo ama woagyina mu. Sɛ obi de asɛm a ntease nnim redi wo a, Elia gyidi no betumi aboa wo.

‘SƆRE KOHYIA AHAB’

Elia ne Elisa yɛɛ adwumasono de boaa nkurɔfo no maa wɔne Onyankopɔn ntam yɛɛ papa. Ɛbɛyɛ  sɛ wɔboaa adiyifo afoforo ma wohuu wɔn adwuma no ani so yiye, na ebi mpo a wɔkyekyɛɛ wɔn mu te sɛ sukuu. Nanso, akyiri yi Yehowa maa Elia adwuma foforo; ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre kohyia Israel hene Ahab.” (1 Ahene 21:18) Dɛn na na Ahab ayɛ?

Ná Ahab yɛ ɔwaefo dedaw, na ne so ɔhene bɔne de, na ebi mmaa Israel da. Ɔwaree Yesebel, na ɔmaa Baalsom kɔɔ so ɔman no mu, na na ɔhene no ankasa nso di mu bi. (1 Ahene 16:31-33) Ná wɔyɛ amanne pii wɔ Baalsom mu; ebi ne sɛ na mmea ne mmarima yɛ nna mu adapaade, na sɛ nnɔbae ba nso a, ɛwɔ ho amanne, na na wotumi mpo de mmofra bɔ afɔre. Afei nso na Yehowa aka akyerɛ Ahab sɛ ɔnkokum Siria hene Ben-Hadad, nanso Ahab buu n’ani guu so. Gyama na ɛyɛ Ahab sɛ obenya sika afi Ben-Hadad hɔ nti na wankum no no. (1 Ahene ti 20) Ahab ne Yesebel adifudepɛ, adedodowpɛ ne awudisɛm no, afei de na aboro so.

Ná Ahab wɔ ahemfie biako wɔ Samaria, na na ɛso yiye! Efi Samaria rekɔ Yesreel yɛ kilomita 37, na ɛhɔ nso, na Ahab wɔ ahemfie wɔ hɔ. Saa ahemfie no nkyɛn pɛɛ na na bobeturo bi nso da. Ná bobeturo no yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Nabot dea, nanso na Ahab ani wom. Ahab frɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛma no sika anaa bobeturo foforo de agye ne de no. Nanso Nabot ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛmpare me sɛ megyina Yehowa anim de m’agyanom agyapade ama wo.” (1 Ahene 21:3) Wohwɛ a Nabot asɛm na na ɛyɛ den anaa ade na na onsuro? Nnipa bebree adwene yɛ wɔn saa. Nanso nea ɛwom ne sɛ, Yehowa Mmara na na ɔredi so. Ná Yehowa aka akyerɛ Israelfo no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔtɔn wɔn abusua asase korakora ma obi foforo. (Leviticus 25:23-28) Nabot de, ɔkae sɛ ɛmpare no sɛ obebu Onyankopɔn Mmara so. Yebetumi aka sɛ na ɔyɛ ɔbarima a ne gyidi so na ɔwɔ akokoduru, efisɛ na onim sɛ Ahab de, wode w’asɛm kɔ ne so a, woawu awie.

Ahab nso de, na ɔmfa Yehowa Mmara nyɛ hwee. Ɔde “awerɛhow baa ne fie mmɔbɔmmɔbɔ” efisɛ ne nsa anka nea ɔpɛ. Yɛkenkan sɛ: “Ɔbɛdaa ne mpa so dan n’ani, na wannidi.” (1 Ahene 21:4) Bere a Yesebel hui sɛ ne kunu ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ te sɛ abofra no, ɛhɔ ara na ɔfaa adwene a ɛbɛma ne kunu anya nea ɔpɛ. Nea ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, na ɛbɛma wahyew abusua a wɔnyɛɛ bɔne biara ase.

Sɛ wokenkan ɔkwan a ɔfaa so no a, wuhu sɛ na ne so nipa bɔne de, ebi nni baabiara. Ná Ɔhemmaa Yesebel nim Onyankopɔn mmara a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ asɛm biara gyina adansefo baanu anom asɛm so. (Deuteronomium 19:15) Enti ɔkyerɛw krataa Ahab din mu kɔmaa Yesreel atitiriw. Ɔkae wɔ krataa no mu sɛ wɔnhwehwɛ mmarima baanu a wobedi adanse atia Nabot sɛ waka abususɛm, enti ɔfata owu. Pɔw bɔne a ɔbɔe no yɛɛ adwuma. “Mmarima ahuhufo” baanu dii Nabot ho adansekurum ma wosii no abo kum no. Anso hɔ ara; wokunkum Nabot mmabarima  nyinaa kaa ho! * (1 Ahene 21:5-14; Leviticus 24:16; 2 Ahene 9:26) Ahab a ɔyɛ abusua ti no hwɛɛ ne yere ma odii ne koko so asɛm kunkum nnipa a wɔn ho nni asɛm.

Bere a Yehowa yii nea ɔhene ne ɔhemmaa no ayɛ no adi kyerɛɛ Elia no, wo de, hwɛ sɛnea Elia ho bedwiriw no. Sɛ ɛkɔyɛ sɛ abɔnefo redi yiye na nnipa a wɔn ho nni asɛm rehu amane a, ɛyɛ yaw paa. (Dwom 73:3-5, 12, 13) Ɛnnɛ, yɛtaa hu asisisɛm mu asisisɛm wɔ wiase; ɛtɔ da a nnipa a wɔka sɛ wɔyɛ Onyankopɔn nnipa mpo na wosisi nkurɔfo. Nanso yebetumi anya awerɛkyekye afi saa asɛm yi mu. Bible mu asɛm yi ma yehu sɛ Yehowa de, biribiara rentumi nhintaw no da. N’ani tua biribiara. (Hebrifo 4:13) Ɛnde, nneɛma bɔne a ohu no, dɛn na ɔyɛ wɔ ho?

“ƆTAMFO, WOABEHU ME!”

Yehowa somaa Elia kɔɔ Ahab nkyɛn. Onyankopɔn kaa no pen sɛ: “Ɔwɔ Nabot bobeturo no mu.” (1 Ahene 21:18) Nea ɛwom ne sɛ, bere a Yesebel ka kyerɛɛ Ahab sɛ afei de bobeturo no abɛyɛ ne dea no, ɛhɔ ara na Ahab sɔre kɔfae. Amma ne tirim koraa sɛ Yehowa huu nea ɛkɔɔ so no nyinaa. Wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ na n’ani agye nenam bobeturo no mu redwinnwen ho ahwɛ sɛnea ɔbɛma hɔ ayɛ fɛ. Nanso, prɛko pɛ na Elia yii ne ti! Ɛhɔ ara na ɔtan ne abufuw nti Ahab anim sesae, na ɔkae sɛ: “Ɔtamfo, woabehu me!”1 Ahene 21:20.

“Ɔtamfo, woabehu me!”

Ahab asɛm a ɔkae no ma yehu nneɛma abien wɔ ne ho a na ɛnkɔ yiye. Nea edi kan, Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ: “Woabehu me!” Eyi kyerɛ sɛ Yehowa ho adwene amma Ahab tirim koraa. Ná Yehowa ‘ahu’ no dedaw; ohui sɛ hokwan a Ahab wɔ sɛ ɔbɛyɛ nea ɔpɛ no, sisi na ɔde sisii nkurɔfo, na ɔhwɛ maa Yesebel bɔɔ pɔw bɔne maa ɔno Ahab nyaa nea ɔrehwehwɛ. Onyankopɔn hwɛɛ Ahab komam hui sɛ honam fam nneɛma a obenya no, na ɛho hia no koraa sen sɛ obedi asɛmpa ahu nnipa mmɔbɔ. Ade a ɛto so abien a na ɛnkɔ yiye wɔ Ahab ho ne sɛ, ɔka kyerɛɛ Elia sɛ ɔyɛ “ɔtamfo.” Nea Ahab kae no kyerɛ sɛ na ɔtan Yehowa Nyankopɔn adamfo a anka obetumi atwe ɔno Ahab afi ne kwammɔne ho no.

Yebetumi asua nneɛma bi afi Ahab asɛm no mu. Ɛsɛ sɛ yɛkae daa nyinaa sɛ Yehowa Nyankopɔn hu biribiara. Ɔyɛ Agya a ɔdɔ yɛn, enti sɛ yɛfom  kwan a, ohu, na nea ɔpɛ ne sɛ yɛbɛsesa. Nea ɔyɛ de boa yɛn ne sɛ, ɔma anokwafo te sɛ Elia ka ne nsɛm kyerɛ nnipa. Enti ɛbɛyɛ mfomso paa sɛ yebebu Onyankopɔn nnamfo sɛ yɛn atamfo.Dwom 141:5.

Fa w’ani bu sɛ Elia reka akyerɛ Ahab sɛ: “Mabehu wo.” Ná Ahab adapaa ada adi ama Elia ahu sɛ ɔyɛ ɔkorɔmfo wudifo a watew atua atia Yehowa Nyankopɔn. Ná ebegye akokoduru paa na watumi akogyina saa nipabɔnefo no anim! Elia paee mu kaa Onyankopɔn atemmusɛm kyerɛɛ Ahab. Ná Yehowa ahu nea ɛrekɔ so nyinaa; ná wahu sɛ Ahab ne ne fiefo amumɔyɛsɛm no, ɔmanfo no nso reyɛ bi. Enti Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ Onyankopɔn ‘rebɛpra n’akyi nyinaa akɔ,’ kyerɛ sɛ ɔrebɛsɛe ɔno ne ne fiefo nyinaa. Yesebel nso, na ne nsa bɛka ne de.1 Ahene 21:20-26.

Elia annya adwene sɛ nnipa tumi yɛ nea wɔpɛ biara fa wɔn ho di. Nanso ɛnnɛ, anhwɛ a saa na obi adwene bɛyɛ no. Bible mu asɛm yi kae yɛn sɛ Yehowa Nyankopɔn hu nea ɛrekɔ so nyinaa, na bere pa mu no, ɔde ho atemmu bɛba. N’Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ da bi bɛba a obeyi nneɛma bɔne a ɛrekɔ so nyinaa afi hɔ koraa! (Dwom 37:10, 11) Nanso ebia wubebisa sɛ: ‘Sɛ Onyankopɔn bu nnipa atɛn a, asotwe nko ara na ɔde ba wɔn so, anaa otumi hu wɔn mmɔbɔ nso?’

‘WOAHU SƐNEA AHAB ABRƐ NE HO ASE NO?’

Bere a Elia de Onyankopɔn atemmu too gua no, ɛbɛyɛ sɛ nea Ahab yɛe no yɛɛ Elia nwonwa. Bible ka sɛ: “Bere a Ahab tee nsɛm yi no, ɛhɔ ara na osuan n’atade mu, na ɔde atweaatam kataa ne ho; odii mmuada na ɔdaa atweaatam mu na ɔnantew awerɛhow mu.” (1 Ahene 21:27) Ná Ahab anu ne ho anaa?

Yebetumi aka sɛ Ahab tutuu anammɔn pa bi efisɛ ɔbrɛɛ ne ho ase, na yenim sɛ obi a ɔyɛ dwae ne ahomaso nso de, ɛnyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛyɛ saa. Nanso na ɛyɛ ahonu papa? Wo de, yɛmfa ntoto Ɔhene Manase ho. Akyiri yi na ɔbae, nanso na ne bɔne kyɛn Ahab de mpo. Bere a Yehowa twee Manase aso no, ɔbrɛɛ ne ho ase, na osu frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no. Nanso ɔyɛɛ biribi kaa ho. Ɔsesaa n’akwan yiyii abosom nneɛma a wayeyɛ no fii hɔ yeree ne ho som Yehowa, na ɔboaa ɔman no mpo maa wɔn nso yɛɛ saa. (2 Beresosɛm 33:1-17) Ahab nso yɛɛ saa anaa? Ɔno de, wanyɛ biribiara saa.

Nea Ahab yɛ de kyerɛe sɛ awerɛhow aka no no, Yehowa hui anaa? Yehowa ka kyerɛɛ Elia sɛ: “Woahu sɛnea me nti Ahab abrɛ ne ho ase no? Esiane sɛ wabrɛ ne ho ase m’anim nti, meremfa mmusu no mma wɔ ne nna mu. Ne ba nna mu na mede mmusu no bɛba ne fie.” (1 Ahene 21:29) Ɛno kyerɛ sɛ na Yehowa de Ahab bɔne akyɛ no anaa? Dabi, sɛ Onyankopɔn de obi bɔne bɛkyɛ no a, gye sɛ wanu ne ho ampa. (Hesekiel 33:14-16) Nanso Yehowa hwɛɛ Ahab ahonu kakra no ho huu no mmɔbɔ sɛnea ɛfata. Enti ɔkae sɛ ɔtɔre Ahab abusua no ase a, Ahab de, ɔremma ɔmfa n’ani nhu.

Ne nyinaa akyi no, Yehowa ansesa nea ɔkae sɛ ɔde bɛyɛ Ahab no. Akyiri yi Yehowa ne n’abɔfo tuu agyina hwehwɛɛ kwan pa a ɔbɛfa so adaadaa Ahab ma ɔde ne ho akɔhyɛ ɔko mu akogye ne wu. Ankyɛ na Yehowa maa bɔne a ɔkae sɛ ɛbɛba Ahab so no baa mu. Ahab pirae wɔ ɔko no mu, na mogya tuu no araa kosii sɛ owui wɔ ne teaseɛnam mu. Wokan asɛm no a, wubehu awerɛhosɛm yi: Bere a wɔrehohoro ɔhene no teaseɛnam mu no, akraman kɔtaforoo ɔhene no mogya. Nea esii yi maa obiara hui sɛ Yehowa asɛm a ɔnam Elia so ka kyerɛɛ Ahab yi baa mu: “Faako a akraman taforoo Nabot mogya no, ɛhɔ ara na akraman bɛtaforo wo nso wo mogya.”1 Ahene 21:19; 22:19-22, 34-38.

Nea ɛtoo Ahab no maa Elia, Elisa ne Onyankopɔn asomfo anokwafo a na wɔwɔ hɔ nyinaa nyaa awerɛhyem sɛ Nabot akokoduru ne ne gyidi no, Yehowa werɛ amfi. Ɛkyɛ kyɛ sɛ dɛn koraa a, atɛntrenee Nyankopɔn no ani mpa so da sɛ ɔbɛtwe abɔnefo aso, na sɛ biribi nti obi fata mmɔborɔhunu nso a, ommu n’ani ngu so. (Numeri 14:18) Elia a na wahu amane pii wɔ ɔhene tirimɔdenfo yi ahenni mu no, asɛm yi yɛɛ asuade kɛse paa maa no! Obi de asɛm a ntease nnim adi wo pɛn? Wo yam a anka Onyankopɔn asiesie nneɛma anaa? Ɛnde, bɔ mmɔden suasua Elia gyidi no. Nneɛma bɔne a ɛkɔɔ so no ammu Elia abam, mmom ɔne ne yɔnko Elisa kɔɔ so kaa asɛm a Onyankopɔn de hyɛɛ wɔn ano no!

^ nky. 3 Ná Baal asomfo no gye di sɛ Baal na ɔma nsu tɔ ma asase no sow aba. Enti Yehowa maa ɔpɛ sii mfe abiɛsa ne fã de kyerɛɛ wɔn sɛ Baal nni tumi biara. (1 Ahene ti 18) Hwɛ asɛm a wɔato din “Suasua Wɔn Gyidi” a ɛwɔ January 1 ne April 1, 2008 Ɔwɛn-Aban mu no.

^ nky. 13 Obi nnim, ebia na Yesebel suro sɛ Nabot awu no de, anhwɛ a bobeturo no bɛkɔ akodi ne mma nsam; ɛno nti na gyama ɔma wokunkum Nabot mmabarima no. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a Onyankopɔn ma kwan ma amanehunu kɔ so a, hwɛ “Nsɛm a Akenkanfo Bisa” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no.