Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Meyɛ Obi a Memma Ɔhaw Mmu Mfa Me So Anaa?

Meyɛ Obi a Memma Ɔhaw Mmu Mfa Me So Anaa?

 Ɔhaw to wo a, wutumi gyina ano anaa? Nneɛma a edidi so yi bi ato wo?

  •   Wo dɔfo bi awu agyaw wo anaa?

  •   Yare abɛtena wo so?

  •   Atoyerɛnkyɛm bi ama wo ho aka?

 Nhwehwɛmufo kyerɛ sɛ ɛnyɛ ɔhaw akɛse akɛse nko ara na etumi bu fa nkurɔfo so. Nneɛma nketenkete a da biara yɛfa mu no mpo tumi ka yɛn apɔwmuden. Enti ɔhaw biara a yehyia no, ketewa oo, kɛse oo, ɛnsɛ sɛ yɛma ebu fa yɛn so.

 Dɛn na obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔmma ɔhaw mmu mfa no so?

 Obi a ɔmma ɔhaw mmu mfa no so no ne obi a sɛ nneɛma sesa wɔ n’abrabɔ mu anaa ohyia ɔhaw a, omia n’ani gyina mu. Nnipa a wɔte saa no, ɔhaw a nkurɔfo hyia no, ɛno ara bi na wɔn nso wohyia, nanso wotumi di so. Sɛ wodi amia sɛ dɛn mpo a, ɔhaw no nsɛe wɔn anigye.

Nnua bi wɔ hɔ a, mframa bɔ denneennen a, wubehu sɛ akyea, nanso mframa no gyae a, na emu ateɛ bio. Wo nso, wuhyia ɔhaw na wobotow a, wubetumi agyina wo nan so bio

 Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ woma ɔhaw bu fa wo so?

  •   Efisɛ ɛyɛ dɛn ara a yebehyia ɔhaw. Bible ka sɛ: “Ɛnyɛ ahoɔharefo na wodi nkonim mmirikatu mu, . . . na ɛnyɛ animdefo na wonya nnipa anim dom; efisɛ asiane to wɔn nyinaa bere a wɔnhwɛ kwan.” (Ɔsɛnkafo 9:11) Dɛn na yesua fi wei mu? Ɛne sɛ, nnipa pa mpo hu amane, na mpɛn pii no, ɛyɛ a na mfomso no mfi wɔn.

  •   Woamma ɔhaw ammu amfa wo so a, ɛbɛbɔ wo ho ban. Ɔbarima bi a ɔyɛ ofotufo wɔ sukuu bi mu kaa sɛ: “Sukuufo pii na wɔba me ɔfese. Wɔbɛba no, wutumi hu sɛ biribi hyɛ wɔn so paa. Wubebisa mu no, na wɔn haw ara ne sɛ sɔhwɛ a wɔkyerɛwee no, wɔantwa papa, anaa ebia obi aka wɔn ho asɛmmɔne wɔ sohyial media so.” Ɔde kaa ho sɛ, obi nnim sɛnea wogyina ɔhaw ano a, nsɛm nketenkete biara tumi ‘kɔfa adwenemhaw ne nyarewa afoforo brɛ no.’ a

  •   Wusua sɛ woremma ɔhaw mmu mfa wo so a, ɛbɛboa wo nnɛ ne daakye. Ɔhaw ahorow a yetumi hyia wɔ abrabɔ mu no, Ɔbenfo Richard Lerner kaa ho asɛm sɛ: “Obi a wadu ne mpanyin mfe so no, ade baako a ɛbɛboa ama asi no yiye ne sɛ, sɛ ohyia ɔhaw bi a, ɛsɛ sɛ otumi di so. Sɛ biribi a ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛyɛ no anyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ otumi de n’ani kyerɛ baabi foforo, anaa ɛsɛ sɛ ɔpɛ kwan foforo a ɔbɛfa so ayɛ nea ɔde sii n’ani so no.” b

 Dɛn na woyɛ a ɛremma ɔhaw mmu mfa wo so?

  •   Ɛnyɛ biribiara na ɛsɛ sɛ woma ɛhaw wo. Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ, ɔhaw ahorow a yehyia no, ɛnyɛ ne nyinaa na ɛhaw adwene saa. Bible ka sɛ: “Ɔkwasea na ɔda n’abufuw adi da no ara, na onitefo kata animguase so.” (Mmebusɛm 12:16) Enti ɛnyɛ ɔhaw biara na ɛsɛ sɛ woma ebu fa wo so.

     “Mmofra a me ne wɔn wɔ sukuu no, sɛ wohyia ɔhaw ketewaa bi mpo a, wɔka ho asɛm huhuuhu. Ɛba saa a, na wɔn nnamfo nso resosɔ wɔn so wɔ sohyial media so. Ɛno koraa na ɛsɛe asɛm no. Enti ɛyɛ asɛm bi a ɛsɛ sɛ wogyae akyi di mpo a, wobɛhwɛ na wɔda so ara kura mu.”—Joanne.

  •   Sua biribi fi afoforo hɔ. Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “Dade na wɔde sew dade ano. Saa na onipa nso sew ne yɔnko anim.” (Mmebusɛm 27:17) Wɔn a wɔafa ɔhaw mu pɛn no, yebetumi asua nneɛma pii afi wɔn hɔ a ɛbɛboa yɛn.

     “Sɛ wo ne nkurɔfo bɔ nkɔmmɔ a, wubehu sɛ wɔahyia ɔhaw akɛse akɛse pii, nanso wɔatumi agyina ano. Wubetumi ne wɔn abɔ nkɔmmɔ na woahwɛ nea wɔyɛe ne nea wɔanyɛ a ɛboaa wɔn ma wotumi gyinaa ano.”—Julia.

  •   Nya abotare. Bible ka sɛ: “Sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason mpo a, ɔbɛsɔre.” (Mmebusɛm 24:16) Sɛ wuhyia ɔhaw bi a, ɛbɛyɛ kakra ansa na akokwaw wo. Enti ɛtɔ da na sɛ w’abam bu a, mma ɛnnyɛ wo nwonwa. Nea ehia ara ne sɛ ‘wobɛsɔre’ bio.

     “Sɛ biribi to wo a, ɛyaw ne ateetee a wobɛfa mu no rentu nyera prɛko pɛ. Ɛnyɛ da koro asɛm; ebegye bere. Mabehu sɛ ade rekye a ade resa nyinaa, na woresi wo dedaw mu nkakrankakra.”—Andrea.

  •   Kyerɛ nneɛma ho anisɔ. Bible ka sɛ: “Monkyerɛ nneɛma ho anisɔ.” (Kolosefo 3:15) Ɔhaw a worefa mu no, sɛ emu yɛ den sɛ dɛn mpo a, ɛnyɛ dɛn ara a wubenya biribi a ebetumi ama wo koma atɔ wo yam kakra. Dwinnwen ho pɛ nneɛma mmiɛnsa bi a ɛkyerɛ sɛ w’anidaso nsae.

     “Sɛ ɔhaw bi reteetee wo a, anhwɛ a wobɛka sɛ, ‘Me nko ara bɔne bɛn na mayɛ?’ Obi a ɔmma ɔhaw mmu mfa no so no, ɔmfa n’adwene nsi ne haw no so. Mmom ɔma n’ani gye, na ɔma n’ani sɔ nneɛma a ɔwɔ ne nneɛma a otumi yɛ.”—Samantha.

  •   Nea ɛbɛto wo biara, ma w’ani nnye. Ɔsomafo Paul kaa sɛ: “Masua sɛ tebea biara a mewɔ mu no, mɛpene nea mewɔ so.” (Filipifo 4:11) Ná biribiara nni hɔ a Paul betumi ayɛ de aguan ne haw. Nanso nea na ɔbɛyɛ wɔ ho no de, na ɛwɔ ne nsam. Paul sii ne bo sɛ ɔremma ɛnsɛe n’anigye.

     “Ade baako a ɛwɔ me ho ne sɛ, sɛ mihyia ɔhaw bi a, ahyɛase no de, ɛyɛ a na ɛreyɛ abu afa me so. Mede asi m’ani so sɛ, nea ɛbɛto me biara, meremma ɛnsɛe m’anigye. Ɛno bɛboa me ne wɔn a wɔbɛn me nyinaa.”—Matthew.

  •   Bɔ mpae. Bible ka sɛ: “Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu. Ɔremma ɔtreneeni nhinhim da.” (Dwom 55:22) Mpaebɔ nyɛ biribi a edwudwo koma kɛkɛ. Mpaebɔ yɛ nkitaho ankasa a yɛne yɛn Bɔfo a ‘odwen yɛn ho’ no di.—1 Petro 5:7.

     “Enhia sɛ mede me haw hyɛ me ho. Sɛ mebɔ mpae ka me haw nyinaa kyerɛ Onyankopɔn na meda no ase sɛ wahyira me a, ɛmma nneɛma nhyɛ me so, efisɛ ɛma m’adwene kɔ sɛnea Yehowa ahyira me no so. Mpaebɔ ho hia paa!”—Carlos.

a Asɛm yi fi nhoma a wɔato din Disconnected no mu. Thomas Kersting na ɔkyerɛwee.

b Asɛm yi fi nhoma a wɔato din The Good Teen—Rescuing Adolescence From the Myths of the Storm and Stress Years no mu.