Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Mmara a M’awofo Ahyehyɛ Ama Me No, Mɛyɛ Dɛn Ne Wɔn Aka Ho Asɛm?

Mmara a M’awofo Ahyehyɛ Ama Me No, Mɛyɛ Dɛn Ne Wɔn Aka Ho Asɛm?

 “Midii mfe 15 no, na mete nka sɛ mmara a m’awofo ahyehyɛ wɔ fie no, ntease wom pa ara. Nanso seesei a madi mfe 19 yi de, mete nka sɛ mihia ahofadi pii.”​—Sylvia.

 Sɛnea Sylvia te nka no, saa ara na wo nso wote nka anaa? Sɛ saa a, ɛnde asɛm yi bɛboa wo ama wo ne w’awofo aka ho asɛm.

 Nea ɛsɛ sɛ wuhu

 Ansa na wo ne w’awofo bɛka mmara a wɔahyehyɛ ama wo ho asɛm no, susuw nea edidi so yi ho:

  •  Sɛ mmara nni hɔ a, nnipa asetena renkɔ yiye. Fa no sɛ wonam karkwan bi a adagyew nni so so. Sɛ karka agyiraehyɛde biara nsisi kwan no ho, traffic light biara nni hɔ, anaa drɔbani biara tu mmirika sɛnea ɔpɛ a, wohwɛ a dɛn na ebesi? Saa ara na mmara a w’awofo ahyehyɛ wɔ fie no nso te, ɛma nneɛma kɔ yiye.

  •  Mmara a w’awofo ahyehyɛ no kyerɛ sɛ wodwen wo ho. Sɛ w’awofo anhyehyɛ mmara a, ɛkyerɛ sɛ nea ɛbɛto wo biara mfa wɔn ho. Ɛba saa a, wubetumi aka pa ara sɛ w’awofo pɛ w’asɛm anaa?

 WUNIM BIRIBI? Awofo nso wɔ mmara a ɛsɛ sɛ wodi so. Sɛ wunnye nni a, wo de kenkan Genesis 2:24; Deuteronomium 6:6, 7; Efesofo 6:4; ne 1 Timoteo 5:8.

 Ɛwom, wugye tom sɛ mmara ho hia, nanso mmara a w’awofo ahyehyɛ no, sɛ ɛyɛ wo sɛ ɛyɛ den sɛ wubedi so nso ɛ?

 Nea wubetumi ayɛ

 Ansa na wo ne w’awofo besusuw asɛm no ho no, ɛsɛ sɛ wudwen ho. Bisa wo ho sɛ, ‘Mmara a m’awofo hyehyɛ ma me no, ɛyɛ a midi so?’ Sɛ wontaa nni w’awofo mmara so a, ɛnde wei nyɛ bere a ɛfata sɛ wobɛka akyerɛ w’awofo sɛ wɔmma wo ahofadi. Mmom, kenkan asɛm a yɛato din, “Dɛn Na Metumi Ayɛ Na M’awofo Agye Me Adi?” no.

 wotaa di w’awofo mmara so a, ɛnde dwen nea wopɛ sɛ woka kyerɛ wɔn no ho. Woyɛ saa a, ɛbɛma woahu sɛ ntease wɔ nea wopɛ sɛ woka no mu anaa. Afei fa to w’awofo anim na wɔnkyerɛ wo bere ne baabi a ɛfata a mubetumi akɔtena aka ho asɛm. Sɛ wo ne w’awofo hyia a, kae nea edidi so yi:

 Da obu adi. Bible ka sɛ: “Asɛm a ɛyɛ yaw hyɛ abufuw.” (Mmebusɛm 15:1). Ma ɛntena w’adwenem sɛ: Sɛ wo ne w’awofo yiyi nsɛm ano anaa wobɔ wɔn sobo sɛ wɔne wo nni no yiye a, nkɔmmɔ no renkɔ yiye.

 “Bere dodow a meda obu adi kyerɛ m’awofo no, bere dodow no ara na wɔn nso da obu adi kyerɛ me. Sɛ yɛresusuw asɛm bi ho na yɛda obu adi kyerɛ yɛn ho yɛn ho a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛn adwene behyia.”—Bianca, madi mfe 19.

 Yɛ aso tie wɔn. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ “obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm, ɔnyɛ nyaa nkasa.” (Yakobo 1:19) Kae sɛ wo ne w’awofo resusuw nsɛm ho, na ɛnyɛ sɛ worema ɔkasa akyerɛ wɔn.

 “Sɛ yɛrenyin a, ebia yɛbɛte nka sɛ yenim pii sen yɛn awofo nanso ɛnyɛ nokware da. Enti ɛsɛ sɛ yetie wɔn afotu ne wɔn akwankyerɛ.”—Devan.

 Te wɔn ase. Bɔ mmɔden sɛ wobɛte nea enti a w’awofo reyɛ saa no ase. Fa Bible afotu yi yɛ adwuma. Ɛka sɛ, “Monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.” Wei kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ woma nsɛm a w’awofo bɛka no ho hia wo.—Filipifo 2:4.

Nneɛma a edidi so yi mu nea ɛwɔ he na wode yɛ adwuma a ɛbɛma woanya ahofadi?

 “Kan no, na mete nka sɛ m’awofo mpɛ m’asɛm, nanso seesei mahu sɛ na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ awofo pa sɛnea me nso na merebɔ mmɔden sɛ menyin abɛyɛ panyin pa no. Nea na wɔreyɛ no nyinaa, na ɛyɛ ɔdɔ a wɔdɔ me ntia.”—Joshua, madi mfe 21.

 Kyerɛ w’adwene. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ wopɛ sɛ wutwa kwan dɔnhwerew baako kɔ apontow bi ase. Nanso w’awofo se wɔremma wo kwan. Hwɛ sɛ wubehu nea enti a wɔmpɛ sɛ wokɔ no anaa: ɛyɛ ɔkwan no na ɛware anaa apontow no na wɔmpɛ sɛ wokɔ?

  •   Sɛ ɛyɛ ɔkwan no na ɛware a, bisa wɔn sɛ wobetumi ama w’adamfo bi ne wo akɔ anaa?

  •   Sɛ ɛyɛ apontow no na wɔmpɛ sɛ wokɔ a, wubetumi akyerɛ wɔn nnipa a wɔbɛkɔ bi ne wɔn a wɔbɛhwɛ so anaa?

 Kae sɛ wobɛkasa obu so na woatɔ wo bo ase atie nea w’awofo wɔ ka. Fa wo kasa ne w’anim yɛbea kyerɛ sɛ ‘wubu wo papa ne wo maame.’ (Efesofo 6:2, 3) Woyɛ saa a, wɔbɛsesa wɔn adwene anaa? Ebia. Nanso sɛ wɔsesa wɔn adwene oo, sɛ wɔansesa oo, nea wɔbɛka biara . . .

 Da obu adi na gye tom. Wei ho hia pa ara, nanso nkurɔfo taa bu wɔn ani gu so. Sɛ w’awofo ampene so na wo ne wɔn pere so a, ɛbɛma ayɛ den sɛ bere foforo wo ne wɔn bɛsan aka mmara a wɔahyehyɛ ama wo no ho asɛm. Nanso, sɛ wufi wo komam gye nea wɔbɛka no tom a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wobegow mmara a wɔahyehyɛ ama wo no mu.