Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Mepo Ponografi?

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Mepo Ponografi?

 Wobɛtumi apo anaa?

 Sɛ woyɛ obi a wokɔ Intanɛt so a, ɛwom wom ara a, ebia wobɛhu aguamansɛm anaa ponografi ho biribi. Hayley yɛ ababaa a wadi mfe 17. Ɔkaa ponografi ho asɛm sɛ: “Seesei de, ɛho nhia sɛ wohwehwɛ akyi kwan bio, ɛno ara na ɛbɛhwehwɛ wo.”

 Wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔrenhwɛ ponografi mpo, sɛ wɔanhwɛ yiye a, wɔbɛhu ara na ayi wɔn. Greg yɛ aberante a wadi mfe 18. Ɔkaa sɛ: “Meka kyerɛɛ me ho sɛ merenhwɛ bi da, nanso m’ani baa me ho so no, na mahwɛ bi. Worentumi nka sɛ wo de, ɛrennya wo da.”

 Ɛnnɛ, sɛ obi pɛ ponografi ahwɛ a, ɔremmrɛ koraa. Afei nso, sɛksten a aba so nnansa yi nti, mmabun pii yɛ wɔn ankasa ponografi de mena mena afoforo.

 Nea yɛreka akɔsi: Ɔhaw a wohyia nnɛ no, ɛnyɛ ɛno bi koraa na w’awofo anaa wo nananom hyiae bere a na wɔte sɛ wo no. Enti asɛm no ne sɛ, Wobɛtumi apo ponografi anaa?​​—Dwom 97:​10.

 Yiw, sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛpo nko ara de a, wobɛtumi. Nanso, ɛsɛ sɛ wodi kan hu nea enti a ponografi yɛ adebɔne. Ma yɛnhwɛ nsɛm a nkurɔfo ka fa ponografi ho, na yɛnhwɛ sɛ ɛyɛ atosɛm anaa nokwasɛm.

 Atosɛm ne nokwasɛm

 Atosɛm: Sɛ mehwɛ ponografi a, ɛrenyɛ me hwee.

 Nokwasɛm: Sɛ obi nom sigaret a, ɛsɛe n’ahrawa. Saa ara na ponografi nso te. Sɛ wohwɛ bi a, ɛsɛe w’adwene. Ɛma ɔbarima ne ɔbea nna a Onyankopɔn hyehyɛe sɛ ɛnka nnipa mmienu mmom no bɛyɛ te sɛ adehunu bi kɛkɛ. (Genesis 2:​24) Sɛ wokɔ so hwɛ a, ɛbɛdu bere bi mpo na bɔne atii wo. Ɛho nhwɛso ni: Animdefo ka sɛ, ɔbarima a ɔtaa hwɛ ponografi no, sɛ wɔyɛ mmea ayayade a, ɔrente nka biara mma wɔn.

  Bible ka nnipa bi ho asɛm sɛ “wɔatoto wɔn ani awe.” (Efesofo 4:​19) Wɔn ahonim awu araa ma sɛ wɔyɛ adebɔne mpo a, ɛnhaw wɔn.

 Atosɛm: Ponografi bɛtumi akyerɛ wo ɔbarima ne ɔbea nna ho ade.

 Nokwasɛm: Ponografi kyerɛ wo adifudepɛ mmom. Ɛma wonya adwene sɛ nnipa te sɛ nneɛma bi a wode gyegye w’ani kɛkɛ. Enti nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ, sɛ wɔn a wɔtaa hwɛ ponografi no ware na sɛ wɔne wɔn hokafo da a, wɔntaa nnya anigye biara.

  Bible ka kyerɛ Kristofo sɛ wɔnkwati “aguamammɔ, afide, nna ho akɔnnɔ, nkate bɔne, ne anibere.” Nanso, ponografi piapia nkurɔfo kɔ saa nneɛma no ho mmom.​​—Kolosefo 3:5.

 Atosɛm: Wɔn a wɔpo ponografi no, wɔmpɛ ɔbarima ne ɔbea nna ho hwee mpo atie.

 Nokwasɛm: Sɛ obi po ponografi a, ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho adwempa. Ɛkyerɛ sɛ obu ɔbarima ne ɔbea nna sɛ akyɛde a Onyankopɔn de ama ɔbarima ne ɔbea a wɔyɛ awarefo sɛnea ɛbɛyɛ na baakoyɛ a ɛwɔ wɔn ntam no mu bɛyɛ den. Sɛ nnipa a wɔte saa no ware na sɛ wɔne wɔn hokafo da a, wɔn na wɔtaa nya anigye.

  Bible mfa ɔbarima ne ɔbea nna ho asɛm nsie. Ɛho nhwɛso ni: Bible ka kyerɛ okununom sɛ: “Wo ne wo mmeranteberem yere ani nnye . . . Tɔ ne dɔ mu ntintan bere nyinaa.”​​—Mmebusɛm 5:​18, 19.

 Ɔkwan a wobɛfa so apo ponografi

 Ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛpo ponografi anaa? Ɛnde dwumadi krataa a wɔato din “Ɔkwan a Wobɛfa so Apo Ponografi” no bɛtumi aboa wo.

 Sɛ wo kɔn dɔ sɛ wobɛhwɛ ponografi a, nya awerɛhyem sɛ wobɛtumi ako atia saa akɔnnɔ no. Sɛ woafi ase hwɛ bi dedaw nso a, wobɛtumi agyae hwɛ ma ayɛ yiye. Sɛ wogyae hwɛ a, worennu wo ho da.

 Yɛmfa Calvin nyɛ nhwɛso. Bere a ɔfii ase hwɛɛ ponografi no, na ɔyɛ abarimaa a wadi bɛyɛ mfe 13. Ɔkaa sɛ: “Ná menim sɛ enye, nanso na menhu sɛnea mɛtumi agyae hwɛ. Sɛ mehwɛ wie a, na mayɛ basaa. Ɛwom ara na me papa bɛhui sɛ mehwɛ ponografi. Anokwa, ɛyii me dadwen fii me so! Afei de, me nsa kaa mmoa a mehia no.”

 Calvin ahu sɛnea ɔbɛpo ponografi. Ɔkaa sɛ: “Ponografi a mehwɛe no ahaw me paa. Ɛwom ara a, na mfonini a mehwɛe no bi abɛgyinagyina m’ani so. Ɛtɔ da nso a, na ɛyɛ me sɛ mensan nkɔhwɛ bi. Sɛ ɛba saa a, nea medwene ho ne sɛ, sɛ meyɛ nea Yehowa pɛ a, m’ani bɛgye, me ho bɛtew, na ɛbɛsi me yiye daakye.”