Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Ɔbarima Bi Nya Ne Yɔnko Barima Ho Akɔnnɔ a, Ɛkyerɛ Sɛ Ɛsɛ Sɛ Ɔne Mmarima Da Anaa?

Sɛ Ɔbarima Bi Nya Ne Yɔnko Barima Ho Akɔnnɔ a, Ɛkyerɛ Sɛ Ɛsɛ Sɛ Ɔne Mmarima Da Anaa?

 Dabida!

 Nokwasɛm: Mpɛn pii no, sɛ ɔbarima bi nya ne yɔnko barima ho akɔnnɔ, anaa ɔbaa bi nya ne yɔnko baa ho akɔnnɔ a, saa akɔnnɔ no ntena hɔ nkyɛ.

 Lisette a wadi mfe 16 no nso huu no saa. Bere bi, onyaa ababaa bi ho akɔnnɔ. Ɔkaa sɛ: “Bere a yɛresua abɔde a nkwa wom ho ade wɔ sukuu no, mihui sɛ obi du ne mmabunbere mu a ahoɔdennuru bi a ɛwɔ ne mogya mu a ɛma onya atenka ahorow no, emu sakrasakra pa ara. Migye di pa ara sɛ, sɛ anka mmerante ne mmabaa pii nim sɛnea wɔn nipadua yɛ adwuma a anka wɔbɛte ase sɛ, sɛ ɔbarima bi nya ne yɔnko barima ho akɔnnɔ a, akɔnnɔ a ɛte saa betumi atew akɔ ntɛm ara. Wei bɛma wɔahu sɛ ɛnsɛ sɛ wɔne wɔn ho da.”

Ɛsɛ sɛ mmerante ne mmabaa nyinaa paw nea wɔbɛyɛ. Wobetumi apaw sɛ, adwene a enni nnyinaso a nnipa pii wɔ wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho no, wobegye atom, anaasɛ abrabɔ pa ho afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, ɛno na wɔde bɛyɛ adwuma

 Nanso sɛ woyɛ ɔbarima na wo yɔnko barima ho akɔnnɔ a wowɔ no abɛtena wo so nso ɛ? Anaa woyɛ ɔbaa na wo yɔnko baa ho akɔnnɔ a wowɔ no nkɔ da nso ɛ? Dɛn na wobɛyɛ? Sɛ Onyankopɔn ka sɛ ɛnsɛ sɛ ɔbarima bi a ɔte saa ne mmarima da, anaa ɔbaa a ɔte saa ne mmaa da a, ɛno kyerɛ sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den anaa?

 Sɛ saa na wote nka a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, wowɔ adwene bi a enni nnyinaso. Ɛne sɛ, nna ho akɔnnɔ biara a obi benya no, sɛ ɛte sɛn oo, sɛ ɛte sɛn oo, ɛsɛ sɛ otumi fa ɔkwan biara a ɔpɛ so dwudwo ano. Bible di yɛn ni efisɛ ɛma yɛn awerɛhyem sɛ yebetumi asi gyinae sɛ yɛremfa ɔkwan a ɛmfata so nnwudwo nna ho akɔnnɔ ano.​—Kolosefo 3:5.

 Nea Bible ka yi nyɛ biribi a yɛrentumi nni so. Sɛ ɛyɛ mmarima ne mmarima nna oo, sɛ ɛyɛ mmaa ne mmaa nna oo, sɛ ɛyɛ ɔbarima ne ɔbaa nna oo, afotu koro no ara na Bible de ma wɔn nyinaa. Ɛne sɛ: “Munguan aguamammɔ.” (1 Korintofo 6:18) Nea ɛte ne sɛ, wɔn a wɔmfa wɔn ho nhyɛ ɔbarima ne ɔbarima nna anaa ɔbaa ne ɔbaa nna mu no, wɔn nso hyia ɔbarima ne ɔbaa nna ho sɔhwɛ. Nanso wɔn mu ɔpepem pii a wɔpɛ sɛ wɔde Bible afotu yɛ adwuma no hyɛ wɔn akɔnnɔ so. Mmarima a wɔwɔ mmarima ho akɔnnɔ ne mmaa a wɔwɔ mmaa ho akɔnnɔ nso, sɛ wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn akɔnnɔ so saa ara.​—Deuteronomium 30:19.