Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Asu Anaa?—Ɔfã 2: Nea Ehia Sɛ Woyɛ Ansa Na Woabɔ Asu

Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Asu Anaa?—Ɔfã 2: Nea Ehia Sɛ Woyɛ Ansa Na Woabɔ Asu

 Sɛ wode Bible akwankyerɛ rebɔ wo bra, na wo ne Onyankopɔn refa adamfo a, ɛnde ebia a woredwen ho sɛ wobɛbɔ asu. Wobɛyɛ dɛn ahu sɛ woayɛ krado sɛ wobɛbɔ asu? a

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Ɛdɛn na ɛsɛ sɛ mihu ansa?

 Sɛ woayɛ w’adwene sɛ wobɛbɔ asu a, ɛnkyerɛ sɛ wobɛkyere nneɛma a woresua nyinaa agu wo tirim sɛnea ebia obi pɛ sɛ otwa sukuu sɔhwɛ a, ɔyɛ no. Mmom, ehia sɛ wode ‘w’adwene yɛ adwuma susuw nneɛma ho’ na ɛma wusi pi sɛ nea Bible kyerɛkyerɛ no na ɛyɛ nokware. (Romafo 12:1) Ɛho nhwɛso ni:

 Ɛdɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ?

 Enhia sɛ wobɛyɛ wo biribiara pɛpɛɛpɛ ansa na woabɔ asu. Nanso ɛsɛ sɛ woda no adi sɛ wopɛ paa sɛ ‘wotwe wo ho fi bɔne ho na woyɛ papa.’ (Dwom 34:14) Ɛho nhwɛso ni:

 NYANSAHYƐ: Nea ɛbɛboa wo ama woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ ansa na woabɔ asu no, kenkan Nsɛm a Mmabun Bisa—Mmuae a Ɛbɛboa Wɔn, Ɔfã 2, Borɔfo de no kratafa 37. Nea wubetumi ama w’adwene akɔ so paa ne dwumadi krataa a ɛwɔ nkratafa 308 ne 309 no.

a Kenkan asɛm yi, “Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Asu Anaa?—Ɔfã 1.” Ɛma yehu nea woyɛ a ɛkyerɛ sɛ woahyira wo ho so ama Onyankopɔn na ɛma yehu nea enti a ɛho hia sɛ wobɔ asu.