Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Mahwɛ Aguamansɛm Ama Aka Me Hɔ a, Menyɛ Dɛn?

Sɛ Mahwɛ Aguamansɛm Ama Aka Me Hɔ a, Menyɛ Dɛn?

Nea wubetumi ayɛ

 Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ aguamansɛm nyɛ adepa. Ɔbarima ne ɔbea nna yɛ adepa a efi Onyankopɔn hɔ, nanso aguamansɛm botae ne sɛ ɛbɛsɛe ade a nidi wom yi. Sɛ wuhu sɛ aguamansɛm nyɛ adepa a, ɛbɛboa wo ama ‘woakyi bɔne.’​—Dwom 97:10.

 Sɛ wohwɛ aguamansɛm a, susuw nea ebetumi afi mu aba no ho. Nnipa a woyi wɔn wɔ ponografi mu no, ɛsɛe nidi ne obu a wɔwɔ no koraa. Wɔn a wɔhwɛ no nso, egu wɔn ho fi, na ɛma wɔn anuonyam so tew. Bible kae a ɛmmoa sɛ: “Onitefo ne nea ohu mmusu na ɔde ne ho hintaw.”​—Mmebusɛm 22:3.

 Bɔ w’adwene pɔw sɛ wobɛyɛ ho biribi. Ɔnokwafo Hiob kaa sɛ: “Mabɔ m’adwene pɔw sɛ meremfa adwemmɔne nhwɛ ɔbaa nnya ne ho akɔnnɔ da.” (Hiob 31:1, Today’s English Version) Wo nso, sɛ wopɛ sɛ ‘wobɔ w’adwene pɔw’ a, wubetumi aka akyerɛ wo ho sɛ:

  •  Sɛ me nkutoo hyɛ baabi na obiara nni hɔ a, merenkɔ intanɛt so.

  •  Sɛ mewɔ intanɛt so na mikopue aguamansɛm so a, mefi hɔ ntɛm ara.

  •  Sɛ mantumi anhyɛ me ho so na mehwɛ aguamansɛm a, mɛka ho asɛm akyerɛ m’adamfo bi a obetumi aboa me.

Ade a ɛwɔ aguamansɛm ho ne sɛ, worekɔ so hwɛ nyinaa na ne gyae reyɛ wo den

 Bɔ ho mpae. Odwontofo no srɛɛ Yehowa Nyankopɔn sɛ: “Mma m’aniwa nnhwɛ ahuhude.” (Dwom 119:37) Onyankopɔn pɛ sɛ wudi ponografi so nkonim. Sɛ wobɔ mpae srɛ no a, obetumi ahyɛ wo den ama woayɛ nea ɛfata!​—Filipifo 4:13.

 Ka ho asɛm kyerɛ obi. Sɛ wunya obi a wubetumi aka w’asɛm akyerɛ no a, ebetumi aboa wo pa ara ama woagyae aguamansɛm hwɛ.​—Mmebusɛm 17:17.

 Kae Sɛ: Bere biara a wobɛpo aguamansɛm no, woadi nkonim kɛse. Ka wo nkonimdi no ho asɛm kyerɛ Yehowa Nyankopɔn, na da no ase sɛ ɔmaa wo ahoɔden. Sɛ wotwe wo ho fi aguamansɛm ho a, wobɛma Onyankopɔn koma ani agye!​—Mmebusɛm 17:17.