Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Sɛ Obi Taforo Obi Barima Ho Anaa Ɔbea Bi Ase a, Ɛkyerɛ Sɛ Ɔne No Ada Anaa?

Sɛ Obi Taforo Obi Barima Ho Anaa Ɔbea Bi Ase a, Ɛkyerɛ Sɛ Ɔne No Ada Anaa?

 U.S. Asoɛe a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano no ne mmabun a wɔadi mfe 15 kosi 19 twetwee nkɔmmɔ. Amanneɛbɔ a asoɛe no de too gua ne sɛ, sɛ wokyɛ saa nnipa no mu mmienu a, ɛfã kaa sɛ wɔatafere obi barima ho anaa ɔbea ase pɛn. Ɛno na yɛfrɛ no Borɔfo mu sɛ oral sex no. Sharlene Azam kaa wɔ nhoma bi a ɔkyerɛwee mu sɛ: “[Obi barima a wɔtafere ho anaa ɔbea ase a wɔtafere no,] sɛ wo ne mmabun reka ho asɛm a, nea wɔka ara ne sɛ wei deɛ sɛ ɛnyɛ biribiara. Sɛ obi ne obi yɛ saa a, wommu no sɛ ɔne no ada.”—Oral Sex Is the New Goodnight Kiss.

 Wudwen ho sɛn?

 Kyerɛ sɛ nea edidi so yi yɛ aane anaasɛ daabi.

  1.   Sɛ obi tafere ɔbea ase a, obetumi anyem anaa?

    1.   Aane

    2.   Daabi

  2.   Sɛ obi tafere obi barima ho anaa ɔbea ase a, ebetumi akɔfa yare abrɛ no anaa?

    1.   Aane

    2.   Daabi

  3.   Sɛ obi tafere obi barima ho anaa ɔbea ase a, ɛkyerɛ sɛ ɔne no ada anaa?

    1.   Aane

    2.   Daabi

 Nokware a ɛwom ne sɛn?

 Fa wo mmuae no toto nea edidi so yi ho.

  1.   Sɛ obi tafere ɔbea ase a, obetumi anyem anaa?

     Mmuae: Daabi. Wei ka ho bi nti na nnipa pii ka sɛ obi barima a wɔtafere ho anaa ɔbea ase a wɔtafere nyɛ bɔne no.

  2.   Sɛ obi tafere obi barima ho anaa ɔbea ase a, ebetumi akɔfa yare abrɛ no anaa?

     Mmuae: Aane. Obi tafere obi barima ho anaa ɔtafere ɔbea ase a, ebetumi ama no anya berɛbo mu yare bi a yɛfrɛ no hepatitis (A anaa B), babaso, babaso-kraman, honam ani yare bi a yɛfrɛ no herpes, ne HIV.

  3.   Sɛ obi tafere obi barima ho anaa ɔbea ase a, ɛkyerɛ sɛ ɔne no ada anaa?

     Mmuae: Aane. Sɛ obi ne obi da, sɛ obi tafere obi barima ho anaa ɔbea ase, sɛ obi fa obi to anaa ɔtwetwe ne barima anaa ɔgoro ɔbea ase a, ne nyinaa yɛ nna.

 Adɛn nti na ɛyɛ aniberesɛm?

 Obi barima a obi tafere ho ne ɔbea ase a obi bɛtafere no, ɛho nsɛm pii wɔ Bible mu. Ma yɛnhwɛ bi.

 Bible ka sɛ: ‘Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ: Ɛne sɛ mobɛtwe mo ho afi aguamammɔ ho.’—1 Tesalonikafo 4:3.

 Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “aguamammɔ” no, ɛkyerɛ bra bɔne biara a ɛkɔ so wɔ wɔn a wɔnwaree ntam. Ebi ne sɛ obi ne obi bɛda, anaa obi bɛtafere obi barima ho anaa ɔbea ase, anaa obi bɛfa obi to anaa obi bɛtwetwe obi barima anaa ɔbɛgoro ɔbea ase. Sɛ obi bɔ aguaman a, ɛde nsunsuanso bɔne paa na ɛbrɛ no. Nea ɛyɛ hu koraa ne sɛ, ɛsɛe ɔne Nyankopɔn ntam.—1 Petro 3:12.

 Bible ka sɛ: “Nea ɔbɔ aguaman de, ɔyɛ ɔno ara ne nipadua bɔne.”—1 Korintofo 6:18.

 Sɛ obi tafere obi barima ho anaa ɔbea ase a ebetumi ahaw ne nipadua na asɛe ɔne Onyankopɔn ntam nso. Ebetumi nso ama no ayɛ basaa. Nhoma bi a yɛato din Talking Sex With Your Kids kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔbea ne barima a ɛnsɛ sɛ wɔda no, sɛ wɔda a, ebetumi ama obiara ate nka sɛ ne yɔnko de no agyigye n’ani, obiara betumi anu ne ho, anaa wate nka sɛ wagyaagyaa ne ho. Nanso ɛnyɛ wei nko ara na ebetumi ama obi ate nka saa. Sɛ obi yɛ nna mu ade biara a onni kwan sɛ anka ɔyɛ a, ɛno nso betumi ama wate nka saa ara, efisɛ ne nyinaa yɛ nna.”

 Bible ka sɛ: “Me, Yehowa, mene wo Nyankopɔn, Nea ɔkyerɛkyerɛ wo ma esi wo yiye.”—Yesaia 48:17.

 Mmara a Onyankopɔn ahyɛ afa nna ho no, wugye di sɛ wode yɛ adwuma a ebesi wo yiye? Anaa ɛyɛ wo sɛ ɛma wo ho kyere wo? Ansa na wubeyi nsɛmmisa no ano no, dwen wei ho hwɛ. Wo de, hwɛ kar kwan a kar redi so akɔneaba hwii-hwii-hwii. Nneɛma sisi kwan ho a ɛkyerɛ mmirika a ɛsɛ sɛ kar biara kɔ, kanea si kwan ho ɛkyerɛ sɛ gyina anaa kɔ, ɛnna yɛakyerɛ baabi a wudu a ɛsɛ sɛ wugyina. Saa nneɛma no, wuhu no sɛ ɛma wo ho kyere wo anaa wuhu no sɛ ɛbɔ wo ho ban? Sɛ wo ne adrɔbafo afoforo anni so a, ɛdɛn na ebesi?

Nneɛma a esisi kar kwan ho a ɛkyerɛ adrɔbafo baabi a ɛsɛ sɛ wogyina, mmirika a ɛsɛ sɛ wɔkɔ ne nea ɛkeka ho no, ɛkyekyere wɔn de, nanso ɛbɔ wɔn ho ban. Saa ara na Onyankopɔn mmara kyekyere wo, nanso ɛbɔ wo ho ban

 Saa na Onyankopɔn mmara ne n’akwankyerɛ nso te. Sɛ woanni so a, nea ɛte biara wubetwa so aba. (Galatifo 6:7) Nhoma bi yɛato din Sex Smart ka sɛ: “Sɛ wode wo gyidi ne nea wunim sɛ ɛyɛ papa to nkyɛn, na woyɛ nneɛma a wo ara wunim sɛ ɛnyɛ papa a, wuhu sɛ w’anuonyam so atew.” Nanso sɛ wode Onyankopɔn mmara ne n’akwankyerɛ bɔ wo bra a, ɛma wunya ahotoso sɛ worebɔ bra pa. Ne kɛse paa ne sɛ, ɛbɛma woanya ahonim pa na wo tiboa renhaw wo.—1 Petro 3:16.