Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Dɛn Na Meyɛ a Ɛbɛma Me So Atew?

Dɛn Na Meyɛ a Ɛbɛma Me So Atew?

 Ehia mpo sɛ mema me so tew anaa?

 Mmabun bi ka sɛ wɔpɛ sɛ wɔn so tew. Nanso . . .

  •   Nea wɔn mu pii dwen ho paa ne ahoɔfɛ, na ɛnyɛ apɔwmuden a wobenya. Wɔyɛ nneɛma a wogye di sɛ ɛbɛma wɔn so atew ntɛm. Enti ɛyɛ a wɔkyen wɔn ho kɔm, na ebi mpo nom nnuru a ɛbɛma wɔn so atew. Saa kwan a wɔfa so no, ɛntaa mmoa wɔn, na ɛtɔ da mpo a, epira wɔn.

     “Mmaayewa bi wɔ hɔ a, wɔkyen wɔn ho kɔm sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn so bɛtew ntɛm. Wei taa bɔ wɔn yare, na etumi gye bere tenten ansa na wɔasan asi wɔn dedaw mu.”—Hailey.

  •   Mmabun pii wɔ hɔ a, ɛyɛ wɔn sɛ wɔayɛ kɛse nanso ɛnte saa. Ebia na wɔnsõ saa, nanso sɛ wɔde wɔn ho toto wɔn atipɛnfo a, ebetumi ayɛ wɔn sɛ wɔayɛ obolo. Afei nso, sɛ wɔhwɛ sɛnea wɔtaa ka wɔ TV so ne radio so sɛ woyɛ teateaa a na ɛyɛ fɛ no a, ɛno nso betumi ama wɔanya adwene sɛ wɔayɛ kɛse dodo.

     “Bere a midii mfe 13 no, na mede me ho toto me nnamfo. Ná ɛyɛ me sɛ, sɛ mitumi yɛ teateaa te sɛ wɔn a, ɛnna wɔbɛpɛ m’asɛm paa.”—Paola.

 Nanso wohwɛ mu a, mmabun bi deɛ, ehia sɛ wɔma wɔn so tew. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no bɔ amanneɛ sɛ . . .

  •   Wiase nyinaa, mmabun bɛyɛ ɔpepem 340 a wɔadi mfe 5 kosi 19 na wɔayɛ kɛse aboro so anaa wɔayɛ obolo.

  •   Afe 1975 mu no, sɛ wuyi mmabun a wɔadi mfe 5 kosi 19 no mu ɔha biara gyina hɔ a, emu 4 pɛ na na wɔayɛ kɛse aboro so. Nanso eduu afe 2016 mu no, na wɔn a wɔayɛ kɛse no dodow ahuruw kɔ soro. Sɛ wuyi wɔn mu ɔha biara gyina hɔ a, emu 18 na na wɔayɛ kɛse aboro so.

  •   Sɛ wokɔ aman dodow no ara so wɔ wiase baabiara a, wotaa hu sɛ nnipa a wɔayɛ obolo no dɔɔso sen wɔn a wɔyɛ nteaanteaa.

  •   Aman a wɔn sikasɛm nyɛ papa ne mmusua a emufo nnya nnuan pa nni mpo, ebinom ayɛ obolo.

 Dɛn na ɛyɛ papa sɛ meyɛ na ama me so atew?

 Nea ɛwɔ he na wobɛyɛ?

  1.   Kyen wo ho kɔm.

  2.   Di nnuan pa na tenetene w’apɔw mu.

  3.   Nom nnuru a ɛbɛma wo so atew.

 Mmuae a ɛyɛ nokware: Ɛno ne nea ɛto so 2 no: Di nnuan pa na tenetene w’apɔw mu.

 Sɛ wokyen wo ho kɔm anaa wugyae nnuan bi di a, ebia ɛbɛma wo so atew ntɛm. Nanso woyɛ saa a, ebetumi abɔ wo yare, na sɛ wufi ase sɛ woresan adidi te sɛ nea na wudidi kan no a, wubetumi asan ayɛ obolobo.

 Nanso sɛ wode si w’ani so sɛ wobɛma wo so atew na woanya apɔwmuden a, wo ara wobɛte wɔ wo nipadua mu sɛ woayɛ kama. Dɔkota bi a yɛfrɛ no Michael Bradley kyerɛwee sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wo so tew na ɛrenkɔfa nsunsuanso bɔne biara mmrɛ wo, na ɛmmɔ wo yare, na wonsan nyɛ kɛse bio a, . . . sesa nneɛma bi wɔ w’asetena mu na hwɛ sɛ worensan nkɔ w’akyi bio.” a Sɛn na yɛreka akosi? Ne nyinaa ne sɛ, sɛ wopɛ sɛ wo so tew a, ntuatua wo ho nnuan biara. Mmom nneɛma a woyɛ wɔ w’asetena mu a ɛbɛma wo ahoɔden no, ɛno na ɛsɛ sɛ woyɛ.

 Nea wubetumi ayɛ

 Bible ka kyerɛ yɛn sɛ, ‘yɛnnyɛ nneɛma nntra so,’ na yɛn aduandi nso ka ho. (1 Timoteo 3:11) Ɛka mpo sɛ, yɛnhwɛ yiye na yɛannidi ammoro so. (Mmebusɛm 23:20; Luka 21:34) Saa afotu yi nyinaa wɔ wo tiri mu yi, sɔ nneɛma a edidi so yi hwɛ na aboa wo ama woanya apɔwmuden:

  •   Sua sɛ wubedi aduan pa.

     Enhia sɛ wohyehyɛ mmara denden biara wɔ w’adidi ho, nanso sɛ wuhu aduan pa ho biribi kakra a, ɛbɛboa wo paa ama woadidi yiye. Ade baako a ɛremma wonyɛ kɛse mmoro so ne sɛ wubedi aduan pa.

  •   Ɛyɛ a taa tenetene w’apɔw mu.

     Dwen ho hwɛ nneɛma a daa wubetumi ayɛ na ama woatenetene w’apɔw mu. Ebi ni: Ɛyɛ sɛ wobɛfa stɛps so aforo aborɔsan sen sɛ wode afiri anaa lift bɛforo. Sɛ wupue abɔnten nantew ntɛmntɛm bɛyɛ simma 30 a, ɛyɛ sen sɛ wode saa bere no bɛtena dan mu abɔ video game.

  •   Fa aduan pa si nnuan a ahoɔden nni mu anan.

     Abaayewa bi a yɛfrɛ no Sophia kaa sɛ: “Ɛyɛ a mepɛ nnuaba, karɔt, kukumba ne ade hyɛ me ho na sɛ merepɛ biribi adi a, mede akum me kɔm. Ɛba saa a, ɛmma mentaa nni nnuan a ahoɔden nni mu.”

  •   To wo bo ase didi.

     Ebinom didi ntɛmntɛm paa ma enti sɛ wɔmee a, wonhu mpo! Enti sɛ woredidi a, ɛyɛ a to wo bo ase. Ɛyɛ a twɛn kakra ansa na woakɔfa bi aka ho. Sɛ wotwɛn kakra a, ebia wubehu sɛ, sɛɛ woamee mpo.

  •   Nnuan a ɛbɛma woayɛ kɛse no, tew so.

     Worebedi aduan biara a, krataa a ɛtare ho a ɛkyerɛ nnuannuru dodow a ɛwom no, ɛyɛ a kenkan na hu ade a ɛwɔ mu a ɛma nnipa yɛ kɛse (calories) dodow a ɛwom. Nea ɛte ne sɛ, nsa dɔkɔdɔkɔ, nnuan sɔkyee (fast food) ne nnɔkɔnnɔkɔwade a yɛde pa yɛn anom no, ɛtaa ma nnipa yɛ kɛse paa.

  •   Nyɛ ade ntra so.

     Sara a wadi mfe 16 ka sɛ: “Eduu baabi no, sɛ aduan si m’anim a, ade a ɛwɔ aduan mu a ɛma obi yɛ kɛse (calories) no, ɛno na na mibu ho akontaa.” Ɛnyɛ daa na ɛsɛ sɛ wubu aduan a wudi ho akontaa. Ɛwom ara na woatwa w’anom kakra.

 Nea ɛbɛboa wo: Wompɛ sɛ woyɛ kɛse a, wo ne wo dɔkota mmɔ ho nkɔmmɔ. Ebia ɔbɛhwɛ sɛnea w’apɔwmuden te, na wakyerɛ wo nea ɛbɛboa wo.

a Efi nhoma a wɔato din When Things Get Crazy With Your Teen no mu.